“Ahinime 5–11. ‘Wafa Yɛn Yea, na Wasoa Yɛn Awerɛhoɔ’: Yesaia 50–57,” Bra, Di M’akyi—De ma Efie ne Asɔre: Apam Dada 2026 (2026)
“Ahinime 5–11. ‘Wafa Yɛn Yea, na Wasoa Yɛn Awerɛhoɔ’: Yesaia 50–57,” Bra, Di M’akyi: Apam Dada 2026
The Mocking of Christ, ɛfiri Carl Heinrich Bloch hɔ
Ahinime 5–11: “Wafa Yɛn Yea, na Wasoa Yɛn Awerɛhoɔ”
Yɛsaia 50–57
Ne som mu nyinaa, Yesaia kasa faa ɔgyefoɔ kɛseɛ bi ho. Anka nkɔnhyɛ ahoroɔ yi bɛyɛ deɛ ɛsom bo titire ma Israelfoɔ no wɔ mfeɛhaha pii akyi berɛ a na wɔwɔ nkoasom mu wɔ Babilon no. Obi a na ɔbɛtumi abubu Babilon afasuo no bɛyɛ nkonimdifoɔ kɛseɛ ampa. Nanso ɛnyɛ Mesaia no a Yesaia kaa ne ho asɛm wɔ ti 52–53no: “Nnipa bɔɔ no ahohora na wɔpoo no; ɔwerɛhoni a ɔnim yea, na yɛdanee yɛn ani a yɛanhwɛ no. Yɛbuu no sɛ Onyankopɔn na atwe n’aso, abɔ no, na wama no ahunu amane” (Yesaia 53:3–4).
Sɛ ɔsomaa ɔgyefoɔ a na yɛn ani nna soɔ no, Onyankopɔn kyerɛkyerɛɛ yɛn faa nokorɛ gyeɛ nokorɛ ho. Sɛ wɔbɛgye yɛn afiri nhyɛsoɔ ne amanehunu mu no, Onyankopɔn somaa Obi a Ɔno ankasa “wɔhyɛɛ ne so, na ɔhunuu amane.” Baabi a na ebinom rehwɛ gyata anim kwan no, Ɔsomaa odwammaa (hwɛ Yesaia 53:7). Ampa ara, Onyankopɔn akwan nyɛ yɛn akwan (hwɛ Yesaia 55:8–9). Yesu Kristo nyi yɛn mfiri afiase berɛ a ɔbue pono no kɛkɛ, na mmom ɔfa yɛn dabrɛ wɔ hɔ. Ɔgye yɛn firi yɛn yea ne awerɛhoɔ nkɔnsɔnkɔnsɔn mu na Ɔno ankasa soa (hwɛ Yesaia 53:4–5, 12). Ɔnye yɛn mfiri akyirikyiri. Ɔne yɛn hunu amane, wɔ “daa ayamyɛ” nneyɛɛ a “ɛremfiri wo nkyɛn” (Yesaia 54:8, 10).
Nsusuiɛ de ma Adesua wɔ Efie ne Asɔre
Yesaia 50–52
Anidasoɔ wɔ hɔ ma Awurade nkorɔfoɔ.
Ɛwom sɛ Israelfoɔ no kɔɔ nnommumfa mu mfeɛ bebree—na ɛwom sɛ saa nnommumfa no firi deɛ ɛnyɛ papa a wɔn ankasa yiiɛ—nanso na Awurade pɛ sɛ wɔnya anidasoɔ ma daakye. Deɛn na wohunu wɔ Yesaia nkrasɛm mu a ɛma wo anidasoɔ? Pono te sɛ yei bɛtumi aboa ma woasua.
|
Deɛ mesua fa Onyankopɔn ho (hwɛ, sɛ nhwɛsoɔ, Yesaia 50:2, 5–9; 51:3–8, 15–16; 52:3, 9–10) | |
|
Anidasoɔ nkrasɛm (hwɛ, sɛ nhwɛsoɔ, Yesaia 50:9; 51:3–5, 11–12, 22–23; 52:9–10) | |
|
Deɛn na mɛtumi ayɛ ama anidasoɔ aba mu (hwɛ, sɛ nhwɛsoɔ, Yesaia 50:10; 51:1–2, 6–9; 52:1–3, 9–11) |
San hwɛ Mosiah 12:20–24; 15:13–18; 3 Nephi 20:29–46; Nkyerɛkyerɛ ne Apam 113:7–10; Russell M. Nelson, “Embrace the Future with Faith,” Liahona, Obubuo 2020, 73–76.
Ɛnam Ɔdɔ Nti, ɛfiri Angela Johnson hɔ
Boa adesuafoɔ ma wɔmmra Yesu Kristo nkyɛn. “Biribiara nni hɔ a wobɛyɛ sɛ ɔkyerɛkyerɛfoɔ a ɛbɛhyira adesuafoɔ sene sɛ wobɛboa wɔn ama wɔahunu Ɔsoro Agya ne Yesu Kristo na wɔate Wɔn dɔ nka” (Teaching in the Savior’s Way, 8). Woresiesie wo ho akyerɛkyerɛ Yesaia 50–57 akyerɛ afoforɔ no, dwene sɛdeɛ wobɛtumi aboa wɔn ama wɔahunu ayɔnkofa a ɛda Israel haw ahoroɔ, Yesaia nkɔnhyɛ ahoroɔ a ɛfa Kristo ho, ne ɔsoro mmoa a wɔnam wɔn ankasa mmɔdemmɔ so nya no ntam ho.
Yesaia 53
Yesu Kristo faa me bɔne ne m’awerɛhoɔ too Ne ho so.
Twerɛsɛm no mu ti kakra bi na ɛka Yesu Kristo gyeɛ botaeɛ no ho asɛm ma ɛyɛ fɛ sene Yesaia 53. Dwene dwumadie ahoroɔ te sɛ yeinom ho na woate nkyerɛkyerɛ a tumi wom yi ase yie na wode adi dwuma:
-
Dwene anaasɛ susu sɛdeɛ abasɛm ne sini ahoroɔ taa kyerɛ akokoɔdurofoɔ a wɔgye nkorɔfoɔ no ho. Fa saa nyikyerɛ ahoroɔ no toto Agyenkwa no nyikyerɛ ahoroɔ a ɛwɔ Yesaia 53ho.
-
Sɛ wokenkan nkyekyɛmu biara wie a, twɛn kakra fa dwene amane a Agyenkwa no hunuiɛ ho—“yea,” “awerɛhoɔ,” ne “mmaratoɔ” ahoroɔ a Ɔsoaeɛ—maa nnipa nyinaa na titire no, wo. Wobɛtumi de “me” ne “me” asi nsɛmfua te sɛ “yɛn” ne “yɛn” ananmu berɛ a wokenkan no. Deɛn atenka anaasɛ adwennwene na saa nkyekyɛmu yi kanyan wɔ wo mu?
-
Dwene ho sɛ wobɛhwɛ sini “My Kingdom Is Not of This World” (Asɛmpa Akoraeɛ), na dwene sɛdeɛ nkɔnhyɛ ahoroɔ a ɛwɔ Yesaia 53 baa mu. Yea ne awerɛhoɔ bɛn na Agyenkwa no soa ma wo?
5:25My Kingdom Is Not of This World
-
Hwehwɛ nsɛm a ɛsisii a ɛfa Yesu Kristo Mpata no ho mfonin (hwɛ Gospel Art Book, nos. 56–60). Afei wo bɛtumi ahwehwɛ kasasin ahoroɔ wɔ Yesaia 53 a ɛkyerɛkyerɛ dwumadie ahoroɔ a ɛwɔ mfonin no mu. Deɛn na saa nkyerɛkyerɛ yi kanyan wo sɛ yɛ?
San hwɛ “Behold the Great Redeemer Die,” Nnwom,, no. 191.
Yesaia 54; 57:15–19
Yesu Kristo pɛ sɛ mesan ba Ne nkyɛn.
Yɛn nyinaa wɔ mmerɛ a yɛte nka sɛ yɛatwe yɛn ho afiri Awurade ho ɛnam yɛn bɔne anaasɛ yɛn mmrɛyɛ nti. Ebinom mpo apa aba sɛ Ɔremfa nkyɛ wɔn da. Yesaia 54 ne 57 yɛ ti akɛseɛ a ɛsɛ sɛ wokenkan de nya awerɛhyɛmu ne nkuranhyɛ wɔ mmerɛ a ɛtete saa mu. Titire wɔ Yesaia 54:4–10; 57:15–19, nsɛm bɛn na ɛkyerɛkyerɛ wo sɛdeɛ Agyenkwa no dwene fa wo ho? Sɛ wohunu saa nneɛma yi afa Ne ho a nsakraeɛ bɛn na ɛba w’abrabɔ mu?
Titenani Dieter F. Uchtdorf kyerɛkyerɛɛ sɛ:
“Ɛmfa ho ne baabi a yɛn abrabɔ asɛe akɔduru. Ɛmfa ho ne sɛdeɛ yɛn bɔne kɔkɔɔ teɛ, sɛdeɛ yɛn abufuo teɛ, sɛdeɛ yɛayɛ ankonam, wɔayi yɛn totwene, anaa yɛn akoma abubu ayɛ. Mpo wɔn a wɔnni anidasoɔ, wɔn aba mu abuo, wɔayi wɔn ama, wɔato wɔn mudie atwene, anaasɛ wɔatwe wɔn ho afiri Onyankopɔn ho bɛtumi apagya bio.
“Anigyesɛm a ɛwɔ asɛmpa no ho nie: esiane ɛnniawieeɛ anigyeɛ nhyehyɛeɛ a yɛn Soro Agya dɔfoɔ nam Yesu Kristo afɔrebɔ a ɛnni awieeɛ so de ama yɛn nti, nyɛ sɛ wɔbɛgye yɛn afiri yɛn ahweaseɛ mu ate yɛn ho nko ara, yɛbɛtumi nso atra wiase nsusuiɛ na yɛabɛyɛ ɛnniawieeɛ nkwa adedifoɔ na yɛabɛka Onyankopɔn animuonyam a ɛnni nkyerɛkyerɛmu no ho” (“He Will Place You on His Shoulders and Carry You Home,” Liahona, Kɔtɔnima 2016, 102).
San hwɛ Patrick Kearon, “God’s Intent Is to Bring You Home,” Liahona, Kɔtɔnima 2024, 87–89.
Yesaia 55–56
Awurade frɛ obiara sɛ “sɔ m’apam no mu.”
Wɔ awoɔntoatoasoɔ pii mu, wɔahunu Israel sɛ Onyankopɔn apam nkorɔfoɔ. Nanso, Onyankopɔn nhyehyɛeɛ no awɔ hɔ ama aman a ɛboro baako berɛ biara, ɛfiri sɛ wɔfrɛ “obiara a sukɔm de no” sɛ “ɔmmra nsuo no ho” (Yesaia 55:1). Fa yei to wo tirim berɛ a wokenkan Yesaia 55 ne 56, na susu deɛ ɛseɛ kyerɛ sɛ mobɛyɛ Onyankopɔn nkorɔfoɔ ho. Deɛn ne Onyankopɔn nkrasɛm ma wɔn a wɔte nka sɛ “wɔate wɔn ho koraa” afiri Ne ho? (Yesaia 56:3). Dwene ho sɛ wobɛhyɛ nkyekyɛmu ahoroɔ a ɛkyerɛkyerɛ wɔn a “wɔkura m’apam mu” no suban ne wɔn nneyɛɛ nso” (hwɛ Yesaia 56:4–7).
Sɛ wopɛ bebree a, hwɛ bosome yi Liahona ne De ma Mmabunu Ahoɔden nsɛmma nwoma mu.
Nkwadaa Adekyerɛ ho Adwenkyerɛ
Yɛsaia 51–52
Awurade frɛ me sɛ “menhyɛ [m’ahoɔden] aduradeɛ.”
-
Ɛbɛtumi ayɛ anika ama wo nkwadaa sɛ wɔbɔhunu kasasin ahoroɔ te sɛ “nyane,” “sɔre gyina hɔ,” ne “hyɛ w’ahoɔden aduradeɛ” wɔ Yesaia 51:9, 17; 52:1–2, 9 na afei wɔayɛ kasasin ahoroɔ no. Moayɛ saa akyi no, mobɛtumi akasa afa deɛ nyane, sɔre gyina hɔ, na hyɛ honhom mu ahoɔden aduradeɛ ase kyerɛ. Deɛn na Awurade sɛ yɛnyɛ wɔ saa nkyekyɛmu yi mu?
-
Wo nkwadaa bɛtumi nso akenkan Yesaia 51:1, 4, 7 na wɔahunu wɔn a Awurade rekasa kyerɛ wɔn ne deɛ Ɔpɛ sɛ wɔyɛ. Deɛn na “tie” Awurade ase kyerɛ? Sɛn na yɛbɛtumi akyerɛ Awurade sɛ “yɛtie” No?
Yesaia 53:3–9
Yesu Kristo faa me bɔne ne m’awerɛhoɔ too Ne ho so.
-
Wo ne wo nkwadaa bɛtumi ahwɛ mfonin ahoroɔ pii a ɛkyerɛ Yesu Kristo amanehunu ne ne wuo (hwɛ, sɛ nhwɛsoɔ, Gospel Art Book, nos. 56, 57, 58). Afei mobɛtumi abom akenkan Isaiah 53:3–6, 9 na moahwehwɛ nsɛm a ɛkyerɛkyerɛ deɛ ɛrekɔso wɔ mfonin no mu. Boa wo nkwadaa ma wɔnte aseɛ sɛ Yesaia kaa nokorɛ ahoroɔ yi ho asɛm mfeɛ ha pii ansa na ɛreba. Adɛn nti na ɛbɛhia sɛ nkorɔfoɔ di kan hunu saa nneɛma yi mfeɛ pii ansa? (hwɛ Alma 39:15–19).
-
Moakenkan Yesaia 53:4, “Wafa yɛn yea, na wasoa yɛn awerɛhoɔ akyi no,” wo nkwadaa bɛtumi abɔ mmɔden sɛ wɔbɛpagya adeɛ bi a ɛmu yɛ duru (anaasɛ ayɛ wɔn ho sɛ wɔrepagya bi). Monka sɛdeɛ “yea” ne “awerɛhoɔ” mu bɛtumi ayɛ duru na ayɛ den sɛ yɛsoa. Adɛn nti na Yesu soaa yɛn “yea,” “awerɛhoɔ,” ne “amumuyɛ” anaasɛ bɔne? (san hwɛ Alma 7:11–12).
Yesaia 55:6
Mɛtumi ahwehwɛ Awurade na masu afrɛ No.
-
Sɛdeɛ wobɛkyerɛ wo nkwadaa fa Yesaia 55:6ho no, wobɛtumi de Yesu mfonin asie dan no mu baabi. Wobɛtumi ama nkwadaa ahwehwɛ mfonin no na wɔaka kwan baako a wɔbɛtumi “ahwehwɛ Awurade berɛ a wɔbɛtumi ahunu no.” Dwom te sɛ “Seek the Lord Early” (Nkwadaa Nnwomnwoma, 108) bɛtumi ama wɔn nsusuiɛ. Afei wobɛtumi ama nkwadaa no baako de mfonin no asie na moasan ayɛ dwumadie no.
Yesaia 55:8–9
Awurade akwan korɔn sene me deɛ.
-
Moakenkan Yesaia 55:9awie no, ɛbɛtumi ayɛ anika sɛ wo nkwadaa bɛgyina adwa so na wɔaka sɛdeɛ nneɛma yɛ soronko berɛ a wowɔ “soro.” Anaasɛ wɔbɛtumi ayɛ mfonin fa deɛ Yesaia 55:9 ase kyerɛ ma wɔn ho. Afei mobɛtumi akasa afa Awurade akwan a ɛkorɔn sene yɛn akwan no bi ho. Nhwɛsoɔ, sɛn na Ɔyɛ abɔneyɛfoɔ? (hwɛ Marko 2:15–17). Sɛn na Ɔdi afoforɔ anim? (hwɛ Mateo 20:25–28). Ka sɛdeɛ woasua sɛ wode wo ho bɛto Awurade akwan ne nsusuiɛ a ɛkorɔn so no kyerɛ wo nkwadaa.
Sɛ wopɛ bebree a, hwɛ bosome yi Adamfoɔ nsɛmma nwoma mu.