Nsrahwɛ Nkyerɛkyerɛ Nsɛm, Ɛbɔ 2017
Yɛde ɔdɔ bɛtwe wɔn a wayera no
Fa mpaebɔ sua saa nsɛm yi na pere hwehwɛ deɛ wobɛka ho asɛm Kwan bɛn so na sɛ yɛte Mmaa Kuo botaeɛ aseɛ a, ɛbɛboa ama Onyankopɔn mma mmaa anya daa nkwa ho nhyira?
Gyedie, Abusua, Ɔgyeɛ
“nokorɛ a ɛwɔ mu ne sɛ abusua biara nni hɔ a ɛwiepɛyɛ … ,” Titenani Dieter F. Uchtdorf, fotufoɔ a Ɔtɔso mienu wɔ Atitenafoɔ Wɔdikan mu na ɔkaaɛ. “Ɔhaw biara a w’abusua rekɔ mu no, deɛ wobɛtumi ayɛ de asiesie biara no, ne mfiaseɛ ne awieyɛ ne ɔdɔ, Kristo mu dɔ mapa no.”1
Wɔn a wɔmmfaa wɔn ho nhyɛɛ asɛmpa no mu no, Linda K. Burton, Amansan Mmaakuo Titenani a watwam aka sɛ: “Soro Agya dɔ ne mma nyinaa. … Ɛmfa ho ne baabi a wɔn wɔ--ɛkwan no mu anaa nkyɛn—Ɔpɛ sɛ wɔn saa ba fie.”2
“Sɛ wo mma nyɛ sɛdeɛn koraa no a, … mfa abufuo, nteateamu, ne animtia nkasa nkyerɛ wɔn.” Titenani Joseph F. Smith (1838-1918) na ɔkyerɛɛ. “kasa kyerɛ wɔn wɔ akoma pa mu.”3
Ɛlda Brent H. Nielson a ɔka aduɔson kuo no ho kaa Agyenkwa no asɛm a ɔka kyerɛɛ wɔn a wɔwɔ dwetɛ 10 na baako ayera no sɛ “Hwihwɛ kɔsi sɛ wobɛhunu. Sɛ deɛ wayera no yɛ wo ba barima anaa ɔbaa, wo nuabarima anaa ɔbaa a, … nea yɛbɛtumi ayɛ nyinaa akyi no, yɛmfa yɛakoma nyinaa nnɔ nipa korɔ. …
“moma yɛnnya akwankyerɛ mfa kwan a yɛbɛfaso de atwe wɔn a wate ada no, na yɛnya ntoboaseɛ ne ɔdɔ a ɛwɔ yɛn Soro Agya ne Ne Ba, Yesu Kristo mu mfa nnɔ, nwɛn, ntwɛn ɔbadesɛifoɔ no.”4
Titenani Henry B. Eyring, Fotufoɔ a Ɔdikan wɔ atitenafoɔ Wɔdikan mu, aka sɛ: “M’abɔ gyidie mpaeɛ sɛ ɔdɔfoɔ bi bɛhwihwɛ na wate tumi a ɛwɔ mpata no mu nka. Mabɔ mpaeɛ sɛ nnipa abɔfoɔ bɛba abɛyɛ wɔn mmoa, na wɔn baaɛ.
“Onyankopɔn wɔ kwan a Ɔde bɛgye Ne ba biara nkwa.”5
Twerɛnsɛm ne Nkratoɔ Nkekaho
Matthew 18:12; Alma 31:35; 3 Nephi 13:32; D&C 121:41–42
© 2017 by Intellectual Reserve, Inc. All rights reserved. Wɔtintim wɔ USA. Brɔfo ho kwan ma: 6/17. Nkyerɛaseɛ ho kwan-ma: 6/17. Nsrahwɛ Visiting Teaching Message, October 2017. Twi 97925 503