2017
Sɛyɛbɛyɛ Akyidifoɔ Mapa
October 2017


Atitenafoɔ a Wɔdi Kan no Nkransɛm, Ahinimme 2017

Sɛyɛbɛyɛ Akyidifoɔ Mapa

Wɔ awurade adidie biara mu no, yɛnya akwanya de hyɛ yɛn Soro Agya bɔ sɛ yɛbɛkai Agyenkwa no dabiara na yɛadi Ne mmransɛm so sɛdeɛ yɛbɛnya ne Ne honhom aka yɛn ho. (hwɛ Moroni 4:3; 5:2; D&C 20:77, 79). Sɛ yɛde Ne din to yɛn ho so a, yɛbɛkai no aberɛ biara. Akwan ahoro pii wɔhɔ a yɛfaso yɛ saa, netitiri yɛ berɛ a yɛresom afoforɔ wɔ Ne din mu, kenkan N’asɛm krokron no, na yɛbɔ mpaeɛ de hunu deɛ Ɔpɛ sɛ yɛn yɛ.

Ɛyɛɛ saa maa me berɛ a mebɔɔ abranteɛ bi asu. Na menim sɛ Agyenkwa no somfoɔ a ngosra wɔ ne so na afrɛ me sɛ asɛmpatrɛni sɛ menkyerɛ N’asɛmpa na menni Ne ho adanseɛ ne Ne nokorɛ asɔre no. Me ne meyɔnko asɛmpatrɛni no hyɛɛ abranteɛ no bɔ sɛ tumii a ɛwɔ Yesu Kristo Mpata mu no bɛte ne ho berɛ a wanya gyidie wɔ Agyenkwa no mu na w’asakyera ama wɔn a wɔwɔ tumi abɔ no asu.

Aberɛ a mepagyaa abranteɛ no firii asubɔ nsuo mu no, ɔka guu m’aso mu sɛ, “Me ho ate, me ho ate.” Wɔ saa berɛ korɔ no mu, me kaii Agyenkwa no asubɔ a Yohane Subɔni bɔɔ no wɔ asubɔnten Jordan mu. Deɛ ɛka ho ne sɛ, me kaii sɛ mereyɛ Agyenkwa teasefoɔ no nkwagyeɛ adwuma—na honhom Kronkron no ka me ho te sɛ Yohane.

Me ne wo, sɛyɛkai Agyenkwa no a, ɛkyɛn sɛ yɛde yɛn ho bɛto yɛnimdeɛ fa ne ho ne suahunu a yɛwɔ fa ne hoso. Yɛyɛ nneɛma pii dabiara a ɛtwɛ yɛn bɛn Agyenkwa no.

Deɛ ɛsua koraa a yɛbɛtumi ayɛ ne sɛ yɛbɛkan yɛbɛkenkan twerɛnsɛm no. Yɛyɛ saa, yɛbɛnya atinka sɛ yɛabɛn No. Me deɛ, metai te nenka berɛ a mɛkenkan Mormon nwoman no. Sima a ɛdikan no a mɛkenkan 2 Nefae nwomano, mete wɔ m’adwene mu Nefae ne Lehi nne sɛ wɔn rekasa afa Agyenkwa no ho tesɛ deɛ wɔnim no ankasa. Nkabom atinka no ba.

Wo nso, ebia na twerɛnsɛm no baabi twe wo bɛn No. Nanso aberɛ biara ne baabiara wobɛnya akoma pa ne ahobraseɛ sɛ wopɛ sɛ wokai agyenkwa no a,kenkan Nyankopɔn asɛm no, wobɛnya ɔpɛ sɛ wobɛfa ne din ato wo ho so dabiara.

Saa ɔpɛ no bɛsesa sɛdeɛ wo som wɔ Awurade asɔre mu. Wobɛbɔ mpaiɛ akyerɛ Soro Agya no sɛ Ɔmmoa wo wɔ wo nyamedwuma mu, ɛmfa ho sɛ ɛsua. Mmoa awobɛhia ne sɛ wobɛtumi ato woho agu na wode w’ani asi deɛ Agyenkwa no pɛ sɛ woyɛ ma wɔn a wosom.

Manya atinka sɛ Ɔka me ho wɔ me mma som mu berɛ a me bɔɔ mpaeɛ sɛ Ɔnkyerɛ me kwan a mɛfa so aboa wɔn ama wɔn anya asomdwoeɛ a ɛwɔ asɛmpa no mu. Wɔ saa berɛ mu no, na ɛmfa me ho sɛ amamfoɔ bɛka sɛ meyɛ ɔwofoɔ pa, deɛ na ɛhia me ne sɛ me mma bɛdi yie.

Ɔpɛpa a yɛwɔ sɛ yɛbɛma wɔn a yɛsom anya deɛ Agyenkwa no pɛ sɛ wɔnya no ma yɛbɔ mpaeɛ a ɛyɛ adesrɛ ma Soro Agya, wɔ Yesu Kristo din mu. Sɛ yɛbɔ mpaeɛ saa—wɔ Agyenkwa no din mu, wɔ gyidie mu—Agya no yi ano. Ɔsoma Honhom Kronkron no ma no bɔ yɛn ho ban, kyekyere yɛn werɛ na ɔbɔ yɛn ho ban. Esiane sɛ Honhom no di Agyenkwa no ho adanseɛ (hwɛ 3 Nephi 11:32, 36; 28:11; Ether 12:41), sɛ yɛbɛdɔ Awurade ne yakoma nyinaa, yadwene ne yahoɔden nyinaa bɛkɔ nkan (hwɛ Mark 12:30; Luke 10:27; D&C 59:5).

Yɛn daadaa ne ɛnɛ anamɔntuo ho nhyira bɛba bɔkɔɔ berɛ a yɛgu so resom no, resua N’asɛm, na yɛrebɔ mpaeɛ gyidie mu wɔ ne din mu. Na saa nkaiɛ wai bɛma yɛayɛ Awurade Yesu Kristo akyidifoɔ mapa wɔ n’ahemman mu wɔ asaase yi so—na akyere no yɛne Ne Papa wɔ animuonyam wiase a ɛbɛba no mu.