Mmabunu
Yerekai Awurade no Dabiara
Nnamfonom, adwuma, efie adeyɔ, sini—nneɛma pii na ɛpre hwihwɛ yɛadwene. Nanso nnawɔtewe biara, yɛhyɛ Shoro Agya bɔ “sɛ yɛbɛkai Ne Ba, Yesu Kristo” (D&C 20:79).
Titenani Eyring se yɛbɛtumi “ayɛ nneɛma dabiara” a ɛbɛboa ma yɛakai Agyenkwa no. Susu ho sɛ wodebɛsi w’ani so sɛ wobɛkai Agyenkwa no dabiara wɔ bosome yi mu. Wobɛtumi ayɛ nhyihyɛɛ na wasi agyinaiɛ wɔ deɛ wobɛyɛ dabiara de atwe abɛn No. Titenani Eyring ka nneɛma bi te sɛ twerɛnsɛm no sua, gyidie mpaeiɛ, ne sɛ yɛbɛsom Agyenkwa no ne afoforɔ. Yɛbɛtumi nso a twerɛ biribi wɔ yabrabɔ nwoma mu, akɔ asɔre,atie amansan nyhiamu nkransɛm, akɔ tɛmpol, ato nnwom—ne deɛ ɛkeka ho! Berɛ a yerekai Agyenkwa no dabiara no, Titenani Eyring ayɛ yɛn bɔ sɛ “nhyira no bɛba bɔkɔɔ atoatoa so… na ɛbɛma yɛn ayɛ Awurade Yesu Kristo akyidifoɔ mapa.”