Mma
Ɔdɔ Nkɔnsɔnkɔnsɔn
Sɛ yɛkenkan twerɛnsɛm no anaa yɛbɔ mpaeiɛ a, yɛtumi te ɔdɔ a Soro Agya ne Yesu wɔ ma yɛn no nka. Yɛ akoma mfoni nketewa bi wɔ akoma kɛseɛ mu. Fa ahosu ka akoma baako mu aberɛ biara a wobɛbɔ mpaeiɛ anaa wobɛkenkan twerɛnsɛm no. Ɛdeɛn bɛn bio na wobɛtumi ayɛ de abɛn Soro Agya ne Yesu?