2016
Ɔdɔ Akyi ne Deɛn?
September 2016


Atitenafoɔ a Wɔdi Kan Nkransɛm, ɛpɛpɔn 2016

Ɔdɔ Akyi ne Deɛn?

Yɛn nkɔmhyɛni dɔfoɔ, Titenani Thomas S. Monson, aka sɛ “ɔdɔ ne asɛmpa no mu ade titire.”1

Ɛnam sɛ ɔdɔ som bo pa ara nti Yesu frɛɛ no “mmara no mu kɛseɛ ne deɛ ɛdi kan” na ɔkaa sɛ mmara no mu ade ketewa biara ne nkɔmhyɛfoɔ no nsɛm no gyina ɛno so.2

Ɔdɔ ne ade a yɛyɛ wɔ Asɔre no mu nyinaa no nnyinasoɔ ankasa. Ɛwɔ sɛ dwumadie, nhyiamu, ne adeyɔ biara a yɛde yɛn ho hyɛ mu sɛ Yesu Kristo akyidifoɔ no gyina saa suban pa yi so—ɛfiri sɛ ɔdɔ mmapa, a ɛyɛ “Kristo dɔ korɔgyeen” no nka ho a yɛnsɛ hwee.3

Sɛ yɛde yɛn adwen ne yɛn akoma te aseɛ, na sɛ yɛpae mu ka yɛn dɔ a yɛwɔ ma Nyankopɔn ne yɛn mfɛfoɔ a—deɛn bio?

So tema ne ɔdɔ a yɛwɔ ma afoforɔ no yɛ ne nyinaa? So pae a yɛpae mu ka yɛn dɔ kyerɛ Nyankopɔn ne yɛn nuanom no hyɛ yɛn asodie a yɛwɔ ma Nyankopɔn no ma?

Mma Mmarima Mmienu Abɛbuo no

Wɔ Yerusalem tɛmpol mu no, asɔfo mpanin ne Yudafoɔ mpanimfoɔ no twe bɛnn Yesu sɛ wɔrebɛkyere no wɔ ne nsɛm mu. Nanso Agyenkwa no kaa ayɛsɛm bi dii wɔn so nkonim.

“Ɔbarima bi wɔ mma mmienu,” Ɔhyɛɛ aseɛ. Agya no kɔɔ deɛ ɔdi kan no hɔ kɔka kyerɛɛ no sɛ ɔnkɔyɔ bobe turo no mu adwuma. Nanso wankɔ. Akyire yi ɔba no “nuu ne ho, na ɔkɔe.”

Afei agya no kɔɔ ne ba a ɔtɔ so mmienu no hɔ kɔka kyerɛɛ no sɛ ɔnkɔyɛ adwuma wɔ ne bobe turo no mu. Ɔba a ɔtɔ so mmienu no hyɛɛ no bɔ sɛ ɔbɛkɔ, nanso wankɔ da.

Afei Agyenkwa no dane hwɛɛ asɔfoɔ ne mpanimfoɔ na ɔbisaa wɔn sɛ, “Wɔn mmienu yi mu hwan na ɔyɔɔ deɛ n’agya pɛ?”

Na ɛtwa sɛ wɔgye tom sɛ ɛyɛ ɔba a ɔdi kan no—deɛ ɔkaa sɛ ɔnkɔ nanso ɔnuu ne ho na ɔkɔyɛɛ adwuma wɔ bobe turo no mu no.4

Agyenkwa no de saa ayɛsɛm yi sii nnyinasosɛm bi so dua—wɔn a wɔdi mmaransɛm no so na wɔdɔ Nyankopɔn ampa.

Ebia ɛno nti na Yesu ka kyerɛɛ nkorɔfoɔ no sɛ wɔntie na wɔnni Farisifoɔ ne Atwerɛfoɔ no nsɛm so mmom mma wɔnni wɔn nhwɛsoɔ so.5 Na saa nyamesom akyerɛkyerɛfoɔ no mmfa ɔse nyɛ ɔyɔ. Wɔde anigyeɛ ka nyamesom ho asɛm, nanso deɛ ɛyɛ ya ne sɛ na wɔakwati ɛmu adetitire no.

Nneyɔeɛ ne Yɛn Nkwagyeɛ

Wɔ Agyenkwa no nkyerɛkyerɛ a ɛtwa toɔ no mu baako a ɔde maa n’akyidifoɔ no, Ɔkasa faa atemmuo ho. Wɔbɛyi atirimuɔdenfoɔ no afiri ahotefoɔ no mu. Wɔn a wɔtene no bɛnya nkwa a ɛnni awieɛ; wɔde atirimuɔdenfoɔ no bɛma ɛnniawieɛ asotwe.

Nsonsonoeɛ bɛn na ɛda saa akuo mmienu yi ntam?

Wɔn a wɔnam nneyɔeɛ so daa wɔn dɔ adi no, wɔgyee wɔn nkwa. Wɔn a wɔanyɛ saa no, wɔbuu wɔn fɔ.6 Yɛn abrabɔ mu daadaa nneyɔeɛ na ɛbɛdi adanseɛ afa yɛn nsakyeraeɛ mmapa wɔ Yesu Kristo asɛmpa ne ɛho supa ne ne nyinasosɛm mu.

Awieɛ no, yɛn ano fa-fa a yɛde pae mu ka sɛ yɛdɔ Nyankopɔn ne yɛn mfɛfoɔ no mma yɛnnya mmasoɔ. Ɛfiri sɛ, sɛdeɛ Yesu kyerɛkyerɛeɛ no, “nyɛ obiara a ɔse Awurade, Awurade no na ɔbɛkɔ soro aheman mu; na mmom deɛ ɔyɛ m’Agya a ɔwɔ soro no apɛdeɛ no.”7

Ɔdɔ Akyi ne Deɛn?

Anoyie a ɛkɔ ma “Ɔdɔ akyi ne deɛn?” asɛmmisa no bɛtumi ayɛ mmrɛ ne tiawa. Sɛ yɛdɔ Agyenkwa no ampa a, ɛnneɛ yɛde yɛn akoma bɛma No na afei yɛbɛnanate kyidifoɔ kwan so. Sɛ yɛdɔ Nyankopɔn a, yɛbɛpere sɛ yɛbɛdi Ne mmaransɛm so.8

Sɛ yɛdɔ yɛn mfɛfoɔ ampa a, yɛde yɛn ho bɛma aboa “ɔnnibiefoɔ ne ahiafoɔ, ayarefoɔ ne wɔn a wɔrehunu amane.”9 Ɛfiri sɛ wɔn a wɔyɛ saa tema ne ɔsom atuhoakyɛ nnwuma no,10 wɔn na wɔyɛ Yesu Kristo akyidifoɔ.

Wei ne adeɛ a ɛdi ɔdɔ akyi.

Wei ne Yesu Kristo Asɛmpa no mu adetitire no.

Nkransɛm yi mu Nkyerɛkyerɛ

Titenani Uchtdorf kyerɛ mu sɛ Yesu Kristo akyidoɔ anokwafoɔ ne wɔn a wɔnam wɔn nnwuma so da wɔn dɔ adi kyerɛ No ne afoforɔ. Ɔkyerɛ yɛn sɛ “sɛ yɛdɔ Agyenkwa no ampa a, ɛnneɛ yɛde yɛn akoma bɛma No na afei yɛbɛnanate kyidifoɔ kwan so.” Susu sɛ wobɛbisa wɔn a wokyerɛ wɔn adeɛ no kwan a ɔdɔ ahyɛ wɔn nkuran ma wɔanante kyidifoɔ kwan so. Wobɛtumi nso ne wɔn akyɛ wo suahunu. Wobɛtumi asusu sɛ wobɛto nsa afrɛ wɔn ma wɔabɔ mpaeɛ anya ɔdɔ mmapa ne ahoɔden a ɛbɛma wɔde ɔdɔ adi dwuma.