2016
Yɛredi Mmaransɛm no so na Yɛredɔ Afoforɔ
September 2016


Mmabunu

Yɛredi Mmaransɛm no so na Yɛredɔ Afoforɔ

Sɛ yɛdwen ɔdɔ ho a, deɛ ɛtaa ba adwen mu ne mpenatweɛ sini, chocolate, ne nhwiren. Nanso ɔdɔ—ɔdɔ kann—mu dɔre na ɛyɛ atuhoakyɛ sen saa. Yesu Kristo tenaa ase na ɔwu maa yɛn esiane ɔdɔ a na Ɔwɔ ma yɛn nti. Ampa, mmaransɛm akɛseɛ mmienu no ne sɛ yɛbɛdɔ Nyankopɔn na yɛadɔ obiara nso (hwɛ Mateo 22:36–40). Nanso kwan bɛn so na yɛbɛtumi akyerɛ afoforɔ sɛ yɛdɔ wɔn?

Titenani Uchtdorf kyɛ Kristo abɛbuo a ɛfa mma mmarima mmienu no ho, deɛ ɔbaako yɛɛ adwuma maa ne papa na ɔbaako anyɛ no. Agyenkwa no kyerɛ mu sɛ ɔba barima a ɔyɛɛ setie maa n’agya no pɛ na ɔdɔ no ankasa. Saa ara nso na, sɛ yɛdi Nyankopɔn mmaransɛm so a, yɛkyerɛ sɛ yɛdɔ No na yɛpɛ sɛ yɛsan kɔ Ne nkyɛn.

Nanso kwan bɛn so na yɛkyerɛ ɔdɔ kyerɛ afoforɔ? Titenani Uchtdorf kyerɛ wei nso mu: “Sɛ yɛdɔ yɛn mfɛfoɔ ampa a, yɛde yɛn ho bɛma aboa ‘ɔnnibiefoɔ ne ahiafoɔ, ayarefoɔ ne wɔn a wɔrehunu amane.’ Ɛfiri sɛ wɔn a wɔyɛ saa tema ne ɔsom atuhoakyɛ nnwuma no, wɔn na wɔyɛ Yesu Kristo akyidifoɔ.”

Enti, sɛ wohyia wo wofoɔ, wo nua, anaa wo yɔnko a, dwen sɛ wobɛsom wɔn akyerɛ wɔn wo dɔ. Ɛnnyɛ wɔn nko ara na wɔn ani bɛgye, mmom ɛbɛma w’Agya a Ɔwɔ Soro no ani agye.