2016
Worekyerɛ Ɔdɔ
September 2016


Mma

Worekyerɛ Ɔdɔ

Yesu kaa agya bi ne ne mma mmarima mmienu ho asɛm. Na agya no yɛ adwuma wɔ bobe turo bi mu na ɔsrɛɛ ne mma mmienu no sɛ wɔmmoa no. Ɔba a ɔdi kan no kaa sɛ daabi nanso akyire no ɔkɔ boae wɔ bobe turo no mu. Deɛ ɔtɔ so mmienu no kaa sɛ ɔbɛboa, nanso wanyɛ. Yesu kyerɛɛ sɛ ɔba a ɔdi kan no kyerɛɛ n’agya ɔdɔ pa ara ɛnam setie a ɔyɛɛe nti.

Monyɛ ayɛsɛm yi nkyerɛ! Afei twerɛ anaa yɛ mfoni fa nneɛma mmiɛnsa a wobɛtumi ayɛ de akyerɛ ɔdɔ ama Soro Agya.