Nsrahwɛ Nkyerɛkyerɛ Nkransɛm, ɛpɛpɔn 2016
Awofoɔ-asodie Yɛ Asɛdeɛ Kronkron
Fa mpaebɔ sua saa nwoma yi na hwehwɛ honhom mu akwankyerɛ ama woahunu deɛ wobɛkyɛ. Kwan bɛn so na te a wote “Abusua: Dawubɔ a ɛkɔ ma wiase” pagya wo gyedie wɔ Onyankopɔn mu na ɛhyira wɔn a wonam nsrahwɛ nkyerɛkyerɛ so bɔ wɔn ho ban no? Sɛ worepɛ ɛmu nsɛm bio a, kɔ reliefsociety.lds.org.
Gyedie, Abusua, Ɔgyeɛ
Yɛn Soro Agya hyehyɛɛ mmusua sɛ ɛmmoa yɛn ma yɛnkyerɛ nnyinasom pa wɔ ɔdɔ tebea mu. Titenani Thomas S. Monson kaa sɛ: “Bɔ wo ba aba so na bam no; ka kyerɛ no sɛ, ‘Medɔ wo’ mpɛn pii; da no ase dabiara. Mma ɔhaw a worebɛsɔ ano no ho nhia nsene onipa no a ɛwɔ sɛ wodɔ no no.”1
Susan W. Tanner, kane Mmaayewa amansan titenani, kyerɛɛ sɛ: “Yɛn Agya a Ɛwɔ Soro no yɛ nhwɛsoɔ wɔ kwan a ɛwɔ sɛ yɛfa so ho. Ɔdɔ yɛn, Ɔkyerɛkyerɛ yɛn, Ɔwɔ yɛn ho aboterɛ, na Ɔde yɛn pɛ ama yɛn. … Ɛtɔ da a yɛnhunu nsonosonoeɛ a ɛda ɔtene, a ɛkyerɛ sɛ wobɛkyerɛkyerɛ, ɛne animka ntam. Sɛdeɛ nnipa a wɔwɔ mfeɛ ahodoɔ nyinaa teɛ no, mmɔfra nam ɔdɔ ne nkuranhyɛ so tu mpɔn wɔ suban mu, kyɛn din bɔne-bɔ so.”2
Ɛlda Quentin L. Cook a ɔka Asomafoɔ Dumienu kuo ho no kaa sɛ, “Sɛ yɛde nokorɛdie bɔ mpaeɛ sɛ abusua, kenkan twerɛsɛm no, yɛ abusua fie anwummerɛ, ma asɔfodie nhyira, na yɛyɛ Homeda no kronkron a, yɛn mma…bɛyɛ krado ama fie a ɛnni awieɛ wɔ soro, ɛmmfa ho ne deɛ ɛbɛto wɔn wɔ wiase denden mu.”3
Twerɛsɛm Afoforɔ
1 Nifae 8:37; 3 Nifae 22:13; Nkyerɛkyerɛ ne Apam 93:40; 121:41
Ayɛsɛm a ɛte ase
Ɛlda Robert D. Hales a ɔka Asomafoɔ Dumienu kuo no ho kaa sɛ, “Na merekan dawubɔ krataa bi na me nananom mu baako baa me nkyɛn.” “Berɛ a na merekenkan no, na ɛyɛ me dɛ sɛ mete ne nne dɛɛdɛ a ɛreyɛ dede wɔ nkyɛn. Ɛyɛɛ me nwanwa, mmerɛ kakra akyi, berɛ a ɔpia ne ho hyɛɛ me ne nwoma no ntam. Ɔde ne nsa mmienu sɔɔ me tiri, de ne hwene miaa me deɛ, na ɔbisaa me sɛ, ‘Nana! Wowɔ hɔ anaa?’
“… ‘Wowɔ hɔ anaa?’ gyina hɔ ma sɛ yɛbɛte yɛn mmabunu ase na yɛabɛn wɔn. Bɛn a yɛbɛbɛn wɔn no nkyerɛ nkɔmmɔ a yɛne wɔ bɛdi nko ara, mmom sɛ yɛne wɔn bɛyɛ nneɛma abɔm. …
“Yɛnyɛ ahoboa na yɛmma adekyerɛ akwannya ho mmra mfasoɔ. …
“… Berɛ a medaso te ase no, mmerɛ dodoɔ no ara na mehunu adekyerɛ akwanya wɔ me babunuyɛ mu, na deɛ ɛfiri m’awofoɔ hɔ no na asiesie me pa ara na ayɛ me sɛdeɛ meteɛ yi.”4
© 2016 Intellectual Reserve, Inc. Nko ara na mmara ma wɔn kwan. Wɔtintim no wɔ USA English approval: 6/15. Translation approval: 6/15. Kasafofrɔ twerɛ a ɛfa Visiting Teaching Message, September 2016. Twi. 12869 503
Dwene Wei ho
Adɛn nti na kwan a ɛdi mu pa ara a yɛbɛtumi akyerɛ asɛmpa no ne ɔdɔ kasa ne ɔdɔ nhwɛsoɔ?