2015
Wie Wɔ Berɛ a Wo Kanea Gu so Rehyerɛn
October 2015


Atitenafoɔ a Wɔdi Kan no Nkransɛm, Ahinimme 2015

Wie Wɔ Berɛ a Wo Kanea Gu so Rehyerɛn

Wɔ tete Greek man mu no, akansifoɔ si akan wɔ agodie a na wɔfrɛ no lampadedromia mu. Wɔ akansie no mu no, mmiraktufoɔ no kurakura gyatɛn wɔ wɔn nsam na wɔde ma mmirikatuni a ɔdi hɔ kɔsi sɛ deɛ ɔtwa toɔ no bɛduru akansie no awieɛ.

Wɔmmfa abotire no mma kuo a wɔdwane ntɛm pa ara—na mmom wɔde ma kuo a wɔbɛwie wɔ berɛ a wɔn gyatɛn no da so redɛre.

Adesuadeɛ kɛseɛ bi wɔ ha a tete ne nnɛ nkɔmhyɛfoɔ akyerɛ yɛn: ɛwɔm sɛ ɛwɔ sɛ yɛhyɛ akansie no ase deɛ, nanso ɛwɔ sɛ yɛwie wɔ berɛ a yɛn gyatɛn gu so rehyerɛn.

Solomon hyɛɛ aseɛ yie

Ɔhene Solomon yɛ nhwɛsoɔ wɔ obi a ɔhyɔɛ aseɛ yie ho. Berɛ a na ɔsua no, na “ɔnam n’agya ahyɛdeɛ no so dɔ Awurade” (1 Ahemfo 3:3). Onyankopɔn ani sɔɔ no na ɔkaa sɛ, “srɛ deɛ memma woɔ” (1 Ahemfo 3:5).

Sɛ ɔbɛbisa ahonyadeɛ ne nkwa tenten no, Solomon bisaa sɛ “ma me nteaseɛ akoma na memfa memmu wo man atɛn, na menhunu papa ne bɔne” (1 Ahemfo 3:9).

Wei sɔɔ Awurade ani pa ara nti ɛnyɛ nyansa nko ara na Ɔde hyiraa Solomon, mmom ɔmaa no ahonyadeɛ a ɛnni kabea ne nkwa tenten.

Ɛwɔm sɛ na Solomon yɛ nyansani ankasa deɛ, nanso wanwie ahoɔden mu. Awerɛhosɛm ne sɛ, “Na Salomo yɛɛ deɛ ɛyɛ Awurade ani so bɔne, na wanwie Awurade akyiridi sɛ n’agya Dawid” (1 Ahemfo 11:6).

Yɛrewie Yɛn Ara Mmirikatuo

Mmerɛ dodoɔ sɛn na yɛahyɛ biribi ase a yɛanwie? Adidie ho nhyehyɛeɛ? Apoomuden ho dwumadie? Twerɛsɛm sua ho gyinaeɛsie? Gyinaeɛsie sɛ yɛbɛyɛ Yesu Kristo akyidifoɔ papa?

Mmerɛ dodoɔ sɛn na yɛsi gyinaeɛ wɔ Ɔpɛnimma bosome mu na yɛde nketesie toa so nna kakra, nnaawɔtwe kakra, anaa abosome kakra kɔsi sɛ ɛbɛduru Ahinimme no, yɛn gyinaeɛsie no mu gya dum koraa?

Berɛ bi mehunuu mfonini bi a ɛyɛ sere a ɛmu no, kraman bi da krataa bi a watete mu ho. Wɔatwerɛ wɔ mu sɛ, “Ɔkraman Setie ho Abodin Krataa.”

Ɛtɔ da a, saa na yɛteɛ.

Yɛwɔ nsusuieɛ pa; yɛhyɛ aseɛ ahoɔden mu; yɛpɛ sɛ yɛsi pi ankasa. Nanso, ɛbɛwie aseɛ no yɛtete yɛn gyinaeɛsie mu, to twene, na yɛn werɛ firi.

Ɛyɛ onipa bɔsu sɛ ɔbɛhwinti, adi hwammɔ, na ɛtɔ da a, wapɛ sɛ ɔbɛpa aba. Nanso sɛ yɛyɛ Yesu Kristo akyidifoɔ yi, yɛsi gyinaeɛ sɛ yɛnhyɛ akansie no ase kɛkɛ—na mmom yɛbɛwie wɔ berɛ a yɛn kanea gu so redɛre hyerɛnn. Agyenkwa no hyɛɛ n’asuafoɔ no bɔ sɛ, “Deɛ ɔbɛgyina akɔsi awieɛ no, ɔno na wɔbɛgye no” (Mateo 24:13).

Ma memmɔ bɔhyɛ a Agyenkwa no de ama yɛn wɔ yɛn mmerɛ yi mu no tɔfa: Sɛ yɛdi Ne mmaransɛm so na yɛwie berɛ a yɛn kanea gu so redɛre a, yɛbɛnya nkwa a ɛnni awieɛ, deɛ ɛyɛ Onyankopɔn akyɛdeɛ nyina ara mu kɛseɛ no (hwɛ N&A 14:7; hwɛ 2 Nifae 31:20 nso).

Kanea No Nnum Da

Ɛtɔ da a sɛ yɛhwinti, di hwammɔ, anaa yɛpa aba wie a, yɛn aba mu bu na yɛgyedi sɛ yɛn kanea adum na yɛadi nkuguo wɔ akansie no mu. Nanso medi adanseɛ sɛ obiara ntumi nnum Kristo Hann no. Ɛhyerɛn wɔ esum kabii mu na ɛbɛsan ama yɛn akoma hann sɛ yɛde yɛn akoma bɛma No a (hwɛ 1 Ahemfo 8:58).

Ɛmmfa ho ne mmerɛ dodoɔ anaa faako a woahwe ase akɔduru, Kristo Hann no hyerɛnn daa. Mpo wɔ anadwo sum kabii mu no, sɛ yɛtwe bɛn No a, Ne hann no bɛpam esum no na akannyan yɛn akra.

Saa kyidifoɔ akansie yi nnyɛ mmirikatuo tiawa; ɛyɛ kwan tenten mmirika. Ɛmmfa ho ne ntɛm a obi kɔ. Anokwa, kwan baako pɛ a yɛbɛfa so adi akansie yi ho hwammɔ ne sɛ yɛbɛgyae mu anaa yɛbɛpa aba.

Mmerɛ dodoɔ a yɛbɛkɔ so asɔre na yɛatwe abɛn Agyenkwa no, yɛdi nkonim wɔ berɛ a yɛn kanea rehyɛrɛn.

Ɛfiri sɛ kanea no mmfa nipasu a yɛyɛ anaa ade a yɛyɛ ho.

Ɛfa wiase Agyenkwa no ho.

Na ɛyɛ Hann a ɛrentumi nnum da. Ɛyɛ Hann a ɛmene esum, kum yɛn kuro, na ɛdɛre wɔ awerɛhoɔ kɛseɛ ne esum ɛnni kabea mu.

Ɛyɛ Hann a ɛboro nteaseɛ so.

Me mpaeɛ ne sɛ obiara bɛwie akwantuo a wahyɛ aseɛ no. Na yɛn Agyenkwa ne yɛn Gyefoɔ, Yesu Kristo ka ho yi, yɛde anigyeɛ bɛwie a yɛn kanea da so rehyerɛn.

Atwerɛ

  1. Harpers Dictionary of Classical Antiquities (1898), “Lampadedromia,” www.perseus.tufts.edu/hopper. Pausanias kyerɛ gyatɛn sononko bi a, ɛrekame ayɛ sɛ, wɔn a wɔkura no mmfa mma wɔn a wɔdi hɔ no wɔ akansie no mu. Nanso wɔ lampadedromia mu no, nkunimdifoɔ no ne deɛ ɔwie akansie no a ne gyatɛn gu so redɛre.

Nkransɛm yi mu Nkyerɛkyerɛ

Susu sɛ wobɛhyɛ wɔn a worekyerɛ wɔn adeɛ no nkuran na wɔadwene faako a wɔwɔ wɔ wɔn ɔbra “akansie” mu. So wɔn gyatɛn no gu so rehyerɛn? Wobɛtumi akan kasasin a ɛka sɛ “ɛyɛ Hann a ɛmene esum, kum yɛn kuro, na ɛdɛre wɔ awerɛhoɔ kɛseɛ ne esum a ɛnni kabea” mu. Afei susu sɛ wone wɔn a wokyerɛ wɔn adeɛ no bɛdi nkɔmmɔ afa kwan a Kristo Hann no anya wɔn abrabɔ mu nkɛntɛnsoɔ berɛ a abɛsen kɔ ne seesei.