Nsrahwɛ Nkyerɛkyerɛ Nsɛm, Ɛbɔ 2015
Yesu Kristo Su ahodoɔ Ɔdɔ Mmapa ne Ɔdɔ ahyɛ ne ma
Fa mpaebɔ sua saa nsɛm yi hwehwɛ sɛ wobɛhu deɛ wobɛkyɛ. Kwan bɛn so na sɛ wote Agyenkwa no suban kronkron no ase a wo gyedie a wowɔ wɔ ne mu no bɛnyini, na ahyira wɔn a wonam nsrahwɛ nkyerɛkyerɛ so hwɛ wɔn so no? Sɛ worepɛ mu nsɛm bio a, kɔ reliefsociety.lds.org reliefsociety.lds.org.
Twerɛsɛm ho Akwankyerɛ no kyerɛ ɔdɔ mmapa mu sɛ “ɔdɔ a ɛkorɔn pa ara, di mu, na ɛmu yɛ den pa ara” (“Ɔdɔ Mmapa”). Ɛyɛ Yesu Kristo dɔ korɔgyeen no. Berɛ a yɛresua afiri Yesu Kristo hɔ na yɛrepere sɛ yɛbɛ sɛ Ɔno no, yɛbɛhyɛ aseɛ ate Ne dɔ korɔgyeen no wɔ yɛn abrabɔ mu na ɛkannyan yɛn sɛ yɛnnɔ na yɛnsom afoforɔ sɛ ɔno. “Ɔdɔ mmapa kyerɛ sɛ worenya obi a wadi wo hwammɔ ho aboterɛ,” Titenani Thomas S. Monson na ɔkaeɛ. “Ɛyɛ ko a yɛko tia atenka a ɛma biribi yɛ yɛn ya ntɛm. Ɛyɛ gye a yɛgye sintɔ ne mmerɛyɛ tom. Ɛyɛ sɛdeɛ yɛgye sɛdɛe nnipa teɛ tom. Ɛyɛ hwɛ a yɛnhwɛ anisoɔ na mmom yɛhwɛ suban pa a ɛrensesa mmerɛ pii akyi. “Ɛyɛ ko a yɛko tia atenka a ɛma yɛyɛ nyiyimu.
Wɔ Mormon Nwoma no mu no, yɛsua nokorɛ kɛseɛ sɛ “momfa akoma mu ahoɔden nyina ara mmɔ mpaeɛ nkyerɛ Agya no, sɛ ɔmfa saa ɔdɔ yi nhyɛ mo ma, deɛ ɔde agu wɔn a wɔyɛ ne Ba Yesu Kristo akyidifoɔ ampa no so no; ama mo abɛyɛ Onyankopɔn mma; ama mmerɛ a ɔbɛpue no, yɛabɛyɛ sɛ ɔno, ɛfiri sɛ yɛbɛhunu no sɛdeɛ ɔteɛ; ama yɛanya saa anidasoɔ yi; ama wate yɛn ho sɛdeɛ ne ho teɛ no mpo.” (Moronae 7:48).
Twerɛnsɛm Afoforɔ
Yohane 13:34–35; 1 Korintofoɔ 13:1–13; 1 Nifae 11:21–23; Eter 12:33–34
Wɔ yɛn abakɔsɛm mu
“Onuabaa a nansa yi ara ɔhweree ne kunu no kyerɛɛ anisɔ maa nsrahwɛ akyerɛkyerɛfoɔ a wɔne no bɛsuui kyekyeree ne werɛ. Ɔtwerɛɛ sɛ: ‘Na merepɛ obi a mɛka m’asɛm akyerɛ noɔ; obi a ɔbɛtumi atie me. … Na wɔtiee me. Wɔkyekyeree me werɛ. Wɔne me suui. Na wɔbamm me … [na] wɔboaa me firii kɔdaanna ne ɔyaw a na ɛwɔ abosome a ɛdi kan a ɛyɛ ankonam no mu.’
“Onuabaa foforɔ nso bɔɔ n’atenka tɔfa berɛ a nsrahwɛ kyerɛkyerɛni bɛkyerɛɛ no ɔdɔ mmapa no: ‘Mehunuu sɛ na menyɛ asɔreba a me din wɔ nwoma mu a ɛwɔ sɛ ɔbɛsra me kɛkɛ. Mehunuu sɛ na ɔdwen me ho.’”
Sɛdeɛ saa anuanom mmaa yi yɛɛe no, Nna Ɛdi Akyire Ahotefoɔ bebree a wɔwɔ wiase afanan a wɔbɛtumi adi saa nokorɛ asɛm a Titenani Boyd K. Packer (1924–2015) a ɔka Asomafoɔ Dumienu Kuo ho no aka no: “Awerɛkyekyerɛ bɛn na ɛsen sɛ, ɛmmfa ho ne baabi a [abusua bi] bɛkɔ no, Asɔre abusua bi retwɛn wɔn. Firi berɛ a ɔbɛduru no, ɔbɛka asɔfodie kuo bi ho anaa ɔbɛka Relief Society ho.”
© 2015 Intellectual Reserve, Inc. ntintim ho akwannya. Wɔtintimm wɔ USA English approval: 6/15. Nkyerɛaseɛ ho pene: 6/15. Nkyerɛaseɛ Visiting Teaching Message, October 2015. Twi. 12590 503
Dwene Wei ho
Kwan bɛn so na Kristo yɛ yɛn nhwɛsoɔ mmapa wɔ ɔdɔ ne ɔdɔ mmapa ho.