2015
Ma Wo Gyatɛn no nhyerɛn kɛseɛ
October 2015


Mma

Ma Wo Gyatɛn no nhyerɛn kɛseɛ

Mmerɛ tenten bi a abɛsen kɔ wɔ Greece no, na akansie bi wɔ hɔ a akansifoɔ no kurakura gyatɛn. Obiara a ɔtu mmiraka no wie a gyatɛn no da so redɛre no yɛ nkonimdifoɔ. Titenani Uchtdorf se abrabɔ te sɛ akansie. Gyatɛn a yɛkura no yɛ Kristo Hann no. Sɛ yɛpere sɛ yɛbɛyɛ sɛ Yesu Kristo a, yɛma yɛn gyatɛn no hyerɛn kɛseɛ.

Nneɛma bɛn na wobɛtumi ayɛ abɛyɛ sɛ Yesu na woama wo gyatɛn ahyerɛn? Yiyi deɛ ɛtoa soɔ yi mu bi:

  • Sere kyerɛ anaa kyea obi a wayɛ sɛ ankonam

  • Ma wo bo nkɔ so mfu obi

  • Hwɛ wo nipadua so yie

  • Di wo nuabarima anaa wo nuabaa ho fɛw.

  • Yɛ setie ma nkɔmhyɛni no

  • Sɛ woyɛ mfomsoɔ a pa aba

  • Boa ɔfoforɔ