2015
Ma Wo Gyatɛn Nnɛre: Yɛ Hwɛ Nna 30
October 2015


Mmabunu

Ma Wo Gyatɛn Nnɛre: Yɛ Hwɛ Nna 30

Asɔre mmabunu a wɔnnya wɔn ho adaagyeɛ no, ɛtumi ba sɛ wɔkɔhyɛ daadaa dwumadie a ɛnnyɛ anika mu, titiriw wɔ honhom nneɛma mu. Yɛkan yɛn twerɛnsɛm, bɔ mpaeɛ, na ɛrekame ayɛ sɛ yɛsom kwan korɔ no ara so dabiara nanso yɛbisa yɛn ho deɛ ɛnti a yɛn honhom tɔ sin.

Kwan baako a yɛbɛfa so ama yɛn kanea akɔ so ahyerɛn ne sɛ yɛbɛhwɛ sɛ yɛnya honhom mu suahunu a ɛdi mu. Nanso ɛyɛ mmrɛ sɛ yɛbɛkasa kyɛn sɛ yɛbɛyɛ, ɛnti adwenkyerɛ a ɛbɛboa ma woatoa so atu mpɔn honhom mu no nie: Dwene asɛmpa-dwumadie bi a wonnyɛɛ da (wontaa nnyɛ) na si nkete sɛ wobɛyɛ dabiara bosome baako. Wobɛtumi ahyɛ aseɛ ketewa ɛfiri sɛ wobɛhunu sɛ ɛyɛ mmrɛ sɛ wobɛma nsesaeɛ nketewa ayɛ daadaa. Nneɛma a yɛyɛ de yi yɛn ho firi honhom mu tebea bɔne mu no hia gyedie ne mmɔdemmɔ, nanso sɛ yɛyɛ yeinom a, yɛto nsa frɛ Honhom Kronkron no bɛka yɛn ho, na yɛkyerɛ gyedie wɔ Ɔsoro Agya mu ne ɔpɛ a yɛwɔ sɛ yɛbɛtwe abɛn no. Yeinom yɛ adwenkyerɛ kakra a wobɛtumi de ahyɛ aseɛ:

  • Yɛ botaeɛ bi sɛ wobɛbɔ mpaeɛ anɔpa ne anadwo. Bɔ mmɔden pae mu bɔ mpaeɛ.

  • Sɔre simma 15 ntɛm na kenkan wo twerɛsɛm ansana woakɔ sukuu.

  • Kenkan amansan nhyiamu nkrasɛm no.

  • Fa Mormon Nwoma no mu twerɛsɛm bi to internet ahyiaeɛ so

  • Tie Asɔre yi mu nnwom na ɛnnyɛ wiase nnwom.