Atitenafoɔ a Wɔdi Kan no Nkransm, Ɔsannaa, 2015
Gyina sɛ Hann
Manya akwannya akɔ amammrɛ agodie nhyiamu bebree a wɔayɛ aka tɛmpol nteho som ho. M’ani agye ne nyina ara ho, ne deɛ nansa yi ara mekɔeɛ wɔ Phoenix, Arizona, USA, Obubua a ɛtwa mu yi.
Nna a Ɛdi Akyire mmabunu a wɔde wɔn ho hyɛ amammerɛ agodie yi mu no di dwuma nwanwasoɔ a yɛn werɛ mmfiri. Afe a ɛtwa mu wɔ Phoenix no, ansana wɔrehyɛ dwumadie no ase no, meka kyerɛɛ agofomma no sɛ, “Moyɛ hann mma.”
Mepɛ sɛ Asɔre no mmabunu nyina ara hunu sɛ wɔyɛ hann mma. Ɛno nti wɔwɔ asɛdeɛ sɛ “wɔyɛ hann wɔ wiase” (Filipofoɔ 2:15). Wɔwɔ asɛdeɛ sɛ wɔkyɛ asɛmpa no nokorɛ no. Wɔwɔ ɔfrɛ sɛ wɔgyina sɛ tɛmpol hann, a wɔrehyerɛn asɛmpa no hann no ama wiase a ɛmu sum reyɛ kabii no. Wɔwɔ asɛdeɛ sɛ wɔma kanea no gya no dɛre na ɛhyerɛn yie.
Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛbɛtumi “abɛyɛ agyedifoɔ nhwɛsoɔ no” (1 Timoteo 4:12), ɛwɔ sɛ yɛn nso yɛgye di. Ɛwɔ sɛ yɛnya gyedie a ɛbɛma yɛatumi agyina honhom mu na yɛayɛ hann ama afoforɔ. Ɛwɔ sɛ yɛma yɛn gyedie nyini na ɛbɛyɛ yɛn abrabɔ fapem.
Nneɛma a yɛbɛyɛ na yɛanam so anya na yɛakora gyedie seesei no mu baako ne sɛ yɛbɛkan na yɛasua twerɛsɛm no na yɛabɔ mpaeɛ daa a yɛnnyae. Meka kyerɛ Asɔre yi mmabunu sɛ, sɛ ɛnnyɛ mo suban sɛ mobɛkan twerɛsɛm no abɔ mpaeɛ dabiara a, monhyɛ aseɛ seesei. Saa nneyɔeɛ yi mmienu yi nnka ho a, abɔnten so nkɛntɛnsoɔ ne abrabɔ mu haw a ɛyɛ a ɛba yɛn so no bɛtumi abrɛ yɛn hann no ase anaa ɛdum no.
Mmabunu mmmerɛ nna fam. Ɛyɛ mmerɛ titiriw a Satan bɛsɔ mo ahwɛ na wayɛ deɛ ɔbɛtumi biara sɛ ɔbɛdaadaa mo afiri kwan a ɛde mo san kɔ mo soro fie no. Nanso berɛ a morekan na morebɔ mpaeɛ ne berɛ a moresom na moreyɛ setie no, mobɛhunu “hann a ɛhyerɛn wɔ esum mu” no (N&A 6:21), deɛ Ɔyɛ yɛn Nhwɛsoɔ ne yɛn ahoɔden no yie—mpo Awurade Yesu Kristo. Ɔno ne hann no a ɛwɔ sɛ yɛma so de hwete esum a ɛreboa ano no (hwɛ 3 Nifae 18:24).
Sɛ mowɔ gyedie wɔ Agyenkwa no ne N’asɛmpa a aba bio no mu a, mowɔ akwannya a ɛnni kabea sɛ mohyerɛn. Atwa mo ho ahyia dabiara, wɔ tebea biara a mowɔ mu. Berɛ a moredi Agyenkwa no nhwɛsoɔ akyi no, mobɛnya akwannya ayɛ hann wɔ wɔn a wɔtwa mo ho ahyia no abrabɔ mu—sɛ wɔyɛ mo abusuafoɔ, tipɛmfoɔ, mo ayɔnko-adwumayɛfoɔ, amanifoɔ kɛkɛ, anaa ananafoɔ koraa.
Sɛ moyɛ wiase hann a, nnipa a wɔatwa mo ho ahyia no nya honhom sononko bi atenka a ɛma wɔpɛ sɛ wɔne mo hwe bɔ mu na wɔdi mo nhwɛsoɔ so.
Mesrɛ mmabunu awofoɔ ne wɔn akannifoɔ sɛ wɔmmoa ma wɔngyina pintsinn wɔ nokorɛ ne tenenee mu. Mommue adesua, nteaseɛ, ne Onnyankopɔn aheman mu som apono kɛseɛ mma wɔn. Monnua ahoɔden a wɔde gyina wiase yi mu nsɔhwɛ ano wɔ wɔn mu. Momma wɔn ɔpɛ a wɔde bɛnante ahonidie ne gyedie mu, abɔ mpaeɛ, na wɔahunu soro sɛ wɔn daa kyitaeɛ.
Meka kyerɛ yɛn mmabunu no sɛ, Ɔsoro Agya dɔ mo. Monhunu nso sɛ Asɔre akannifoɔ no nso dɔ mo. Monkɔ so nnya ɔpɛ mfa nsom Ɔsoro Agya ne Ne Ba no. Na monkɔ so nnante nokorɛ mu na mongyina sɛ hann wɔ Nyankopɔn mma ntam daa.
Nkransɛm yi mu Nkyerɛkyerɛ
Susu sɛ wɔne wɔn a wokyerɛ wɔn adeɛ no bɛdi nkɔmmɔ afa deɛ “hann [ba]” kyerɛ. Asɛdeɛ bɛn na ɛwɔ wei mu? Mobɛtumi asusu berɛ a na wɔn hann hyerɛnn ne deɛ ɛmaa no yɛɛ hyerɛnn no ho. Monsusu sɛ mobɛma wɔadwene onipa pɔtee bi ho, obi te sɛ ɔbabunu, ɔyɔnko-dwumayɛni, anaa wɔn busuani bi a ebia ɔhia hann ho. Afei mobɛtumi abɔ mpaeɛ abɔ mu afa kwan a wɔbɛfa so ne saa nipa no akyɛ hann.
© 2015 Intellectual Reserve, Inc. ntintim ho akwannya. Wɔtintim wɔ USA English approval: 6/15. Nkyerɛaseɛ ho pene: 6/15. Nkyerɛaseɛ First Presidency Message, August 2015. Twi. 12588 503