Nsrahwɛ Nkyerɛkyerɛ Nkransɛm, Ɔsannaa, 2015
Yesu Kristo Su ahodoɔ Ɔdwoɔ ne Ahobrɛaseɛ
Fa mpaebɔ sua saa nsɛm yi hwehwɛ sɛ wobɛhu deɛ wobɛkyɛ. Kwan bɛn so na sɛ wote Agyenkwa no abrabɔ ne ne botae no ase a wo gyedie a wowɔ wɔ ne mu no bɛnyini, na ahyira wɔn a wonam nsrahwɛ nkyerɛkyerɛ so hwɛ wɔn so no? Sɛ worepɛ mu nsɛm bio a, kɔ reliefsociety.lds.org.
Yesu kaa sɛ, “Deɛ ɔyɛ mo mu kɛseɛ no, ɔnyɛ sɛ akumaa; na deɛ ɔyɛ otitire no nyɛ sɛ deɛ ɔsom. Na hwan na ɔso, deɛ ɔte aduane ho anaasɛ deɛ ɔsom? Ɛnyɛ deɛ ɔte aduane ho no? Na me deɛ, mewɔ mo mu sɛ deɛ ɔsom.” (Luka 22:26–27).
“Agyenkwa no ne yɛn nhwɛsoɔ kɛseɛ wɔ ahobrɛaseɛ ne ɔdwoɔ ho. Ɛfiri sɛ, Ne pɛ a Ɔde hyɛɛ Agya no pɛ ase no de abasɛm kɛse pa ara, a ɛkura tumi kɛseɛ pa ara mpo wɔ abakɔsɛm mu baae. Ebia nsɛmfua kronkron a ɛdi mu pa ara wɔ twerɛsɛm no mu no ara ne ‘Ɛnyɛ deɛ mepɛ, na deɛ wopɛ na ɛnyɛ hɔ’ (Luka 22:42).”
Sɛ yɛyɛ Yesu Kristo akyidifoɔ yi, yɛhwehwɛ daa sɛ yɛbɛyɛ sɛ Ɔno. “Sɛ yɛbɛyɛ sɛ Kristo a, ɛnneɛ ɔdwoɔ ho hia pa ara,” Ɛlda Ulisses Soares a ɔka aduoson no ho no na ɔkaeɛ. Sɛ ɛnka ho a, yɛntumi nnya su foforɔ. Sɛ obi dwo a, ɛnkyerɛ sɛ ɔyɛ mmrɛ, mmom ɛkyerɛ papayɛ ne ayamyɛ su, ɛkyerɛ ahoɔden, koomyɛ, obua-pa a obi wɔ ma ne ho, ne ahohyɛsoɔ.” Berɛ a yɛrenya saa su yi, yɛbɛhunu sɛ “sɛ yɛde yɛn pɛ ma Agya no ahobrɛaseɛ mu a, ɛde Onyankopɔn denhyɛ—a ɛyɛ ahobrɛaseɛ tumi no ba. Ɛyɛ tumi a yɛde di abrabɔ mu haw so, asomdwoeɛ tumi, anidasoɔ tumi, akoma no tumi a ɛde anigyeɛ repɛ ɔdɔ ne adanseɛ a ɛfa Agyenkwa Yesu Kristo ho, mpo ɔgyeɛ tumi no.”
Twerɛsɛm Afoforɔ
Mateo 26:39; Yohane 5:30; Mosaya 3:19; Helaman 3:35
Wɔ Twerɛsɛm no mu
Mmerɛ a ɛyɛ anika ne tumi kɛse pa ara wɔ Kristo nyamedwuma mu baako ne berɛ a ɔhohoroo n’asuafoɔ no nan ho. “Ɔsɔre firii adidiiɛ, na ɔyii n’ataadeɛ guu hɔ, na ɔfaa mpepaho de kyekyeree ne ho so. Na afei ɔhwiee nsuo guu dwaresɛn no mu, na ɔfirii aseɛ hohoroo asuafoɔ no nan ho, na ɔde mpepaho a ɔde kyekyeree ne ho soɔ no pepaa ho” (Yohane 13:4–5).
Berɛ a Agyenkwa no daa saa ayɛyɛdeɛ yi adi no, asuafoɔ no ho dwirii wɔn sɛ wɔn Wura ne wɔn Kyerɛkyerɛfoɔ no abu nkotodwe wɔ wɔn anim na ɔreyɛ ɔdwoɔ som a ɛte saa. Afei Yesu kyerɛɛ ade a na Ɔpɛ sɛ wɔn ne yɛn sua:
“Afei sɛ me, Awurade ne kyerɛkyerɛfoɔ, mahohoro mo nan ho a, na ɛsɛ sɛ mo nso mohohoro mo ho mo ho nan ho.
“Na mama mo sɛnnahɔ sɛ, sɛdeɛ mayɔ mo no, mo nso monyɔ saa ara” (Yohane 13:14–15).
© 2015 Intellectual Reserve, Inc. ntintim ho akwannya. Wɔtintim wɔ USA English approval: 6/15. Nkyerɛaseɛ ho pene: 6/15. Nkyerɛaseɛ Visiting Teaching Message, August 2015. Twi. 12588 503
Dwene Wei ho
Kwan bɛn so na ahobrɛaseɛ bɛboa ama yɛadɔ sɛdeɛ Agyenkwa no dɔeɛ no?