2015
Ma Wo Hann Nhyerɛn
August 2015


Mma

Ma Wo Hann Nhyerɛn

Sɛ woyɛ Nyankopɔn ba yi, woyɛ hann ba. Wobɛtumi anya hann no bi aka ho berɛ a woredi yɛn Agyenkwa, Yesu Kristo akyi. Yesu Kristo ne yɛn Soro Agya dɔ wo na wɔpɛ sɛ wohyerɛn kyerɛ afoforɔ na wodi wɔn anim kan kɔ Kristo hɔ. Wobɛtumi ahyerɛn berɛ a worekɔ so ayɛ sɛ deɛ woteɛ yi ara na woredi mmaransɛm a ɛte sɛ twerɛsɛm sua no so. Nwono nsoromma wɔ krataa so na twerɛ kwan a wobɛfa so ahyerɛn akyerɛ afoforɔ sɛ Yesu Kristo nhwɛsoɔ (te sɛ, “merekɔ asɔre,” anaa “mereboa m’abusua”).