2015
Bepɔ so Hann
August 2015


Mmabunu

Bepɔ so Hann

Titenani Monson kyerɛkyerɛ Asɔre mmabunu no sɛ “Wɔwɔ ɔfrɛ sɛ wɔgyina sɛ tɛmpol hann, a wɔrehyerɛn asɛmpa no hann no ama wiase a ɛmu sum reyɛ kabii no.” Ɔkyerɛɛ akwan ahodoɔ a mobɛyɛ yei:

  • Kyɛ asɛmpa no

  • Gye di

  • Nya gyedie

  • Yɛ hann ma afoforɔ

  • Ma Wo gyedie nyini kɔsi sɛ ɛbɛyɛ w’abrabɔ fapem.

  • Kan twerɛsɛm no na sua

  • Bɔ mpaeɛ daa a wonnyae

  • Som

  • Yɛ setie

Fa susudua firi 1 kɔsi 5 kari wo ho wɔ saa nneɛma yi ho. Wɔ nneɛma a susudua no wɔ fam no, wobɛtumi asua saa nsɛm yi wɔ twerɛsɛm no mu anaa ahwehwɛ wɔ LDS.org. Wosua saa nsɛm yi wie a, wobɛtumi adwene kwan a wobɛtumi ahyɛ den wɔ saa nneɛma yi ho, na yɛ botaeɛ bi sɛ wobɛyɛ saa.