2014
Yɛreyɛ adwuma no ntɛm so
June 2014


Atitenafoɔ a Wɔdi Kan no Nkransɛm, Ayɛwohomumɔ 2014.

Yɛreyɛ adwuma no ntɛm so.

Otitenani Thomas S. Monson

Wonim sɛ Asɔre no a wɔasan de aba bio no nyaa mfeɛ 98 ansa na ɛrenya stakes 100? Nanso bɛyɛ mfeɛ aduasa (30) akyi no, Asɔre no kyekyeree stakes 100 a ɛtɔ so mmienu. Na mfeɛ nwɔtwe pɛ akyi no Asɔre no nyaa stakes a ɛboro 300. Seesei yɛwɔ stakes bɛboro 3,000.

Deɛn nti na saa nyini yi rekɔso ntɛntɛm yi? Esiane sɛ yɛagye din kyɛn obiara anaa? Esiane sɛ yɛn asɔredan yɛ fɛ nti anaa?

Saa nneɛma yi hia, nanso sɛenti a Asɔre no renyini ne sɛ Awurade kaa sɛ ɛbɛyɛ saa ara. Wɔ Nkyerɛkyerɛ ne Apam no mu no, Ɔkaa sɛ, “Hwɛ, mɛyɛ m’adwuma ntɛm wɔ ne berɛ mu.”

Wɔmaa yɛn a yɛyɛ Ɔsoro Agya ahonhom mma yi baa asase so saa berɛ yi sɛdeɛ yɛbɛboa ayɛ saa adwuma kɛseɛ yi ntɛm.

Sɛdeɛ menim no, Awurade nkaa da sɛ n’adwuma no yɛ honam mu adwuma pɛ. Mmom, n’adwuma yɛ daapem. Megye di sɛ Ɔreyɛ n’adwuma ntɛm wɔ honhom wiase hɔ. Megyedi nso sɛ Awurade, nam Ne nkoa so, resiesie ahonhom bebree ma wɔagye asɛmpa no wɔ hɔ. Yɛn adwuma ne sɛ yɛbɛhwehwɛ yɛn awufoɔ na afei yɛakɔ tɛmpol akɔyɛ ayɛyɛdeɛ kronkron a ɛbɛma wɔn a wɔwɔ nkataanim no akyire no akwannya koro no a yɛwɔ no.

Titenani Brigham Young kaa sɛ Nna a Ɛdi Akyire Ɔhoteɛni biara a ɔwɔ honhom wiase no nni ne ho adaagyeɛ(1801–77). “Deɛn na wɔreyɛ wɔ hɔ? Wɔreka asɛmpa no, wɔreka asɛmpa no mmerɛ nyina ara, na wɔresiesie kwan ama yɛayɛ yɛn tɛmpol-sie adwuma no ntɛm wɔ ha ne mmea afoforɔ.”

Seesei , abusua abakɔsɛm adwuma nnyɛ mmrɛ. Mo a mofiri Scandinavia no, mete mo haw ase. Ebi ne sɛ, wɔ me Sweden abusuasantene mu no wɔfrɛ me nana barima Nels Monson; ne papa nne Monson koraa na mmom wɔfrɛ no Mons Okeson. Mons papa din de Oke Pederson, na ne papa din de Peter Monson saa ara kɔsi Monson bio.

Awurade hwehwɛ sɛ wo ne me bɛyɛ yɛn abusua abakɔsɛm yie. Megyedi sɛ adeɛ a ɛdi kan a ɛsɛ sɛ yɛyɛ, sɛ yɛpɛ sɛ yɛyɛ yɛn adwuma yie a, ɛne sɛ yɛbɛnya yɛn Soro Agya no Honhom aka yɛn ho. Sɛ yɛtena ase wɔ tenenee mu sɛdeɛ yɛnim sɛ ɛsɛ a, ɔbɛbue kwan ama nhyira a yɛrehwehwɛ paa ara no aba mu.

Yɛbɛyɛ mfomsoɔ deɛ, nanso yɛn mu biara nntumi nnkwadar wɔ abusua abakɔsɛm mu wɔ berɛ a yɛnnyɛ asuafoɔ ansa. Ɛno nti, ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ho hyɛ saa adwuma yi mu, na ɛsɛ sɛ yɛsiesie yɛn ho kɔ yɛn anim. Wei nnyɛ adwuma a ɛda fam, nanso Awurade de ahyɛ wo nsa, na ɔde ahyɛ me nso me nsa.

Berɛ a wogu so reyɛ abuasua abakɔsɛm adwuma no, wobɛhyia akwansideɛ, na wobɛka akyerɛ wo ho sɛ, “Biribiara nni hɔ a mɛtumi ayɛ bio.” Sɛ wokɔ saa tebea yi mu a, kɔ wo nkotodwe anim na bisa Awurade sɛ ɔmmue kwan, na ɔbɛbue kwan ama wo. Medi adanseɛ sɛ wei yɛ nokorɛ.

Ɔsoro Agya dɔ ne mma a wɔwɔ honhom wiase hɔ sɛdeɛ Ɔdɔ wo ne me. Ɛfa adwuma a yɛyɛ de gye yɛn awufoɔ ho no, Nkɔmhyɛni Joseph Smith kaa sɛ, “Na afei berɛ a Onyankopɔn botaeɛ kɛseɛ no reyɛ ntɛm sɛ ɛbɛhyɛ ma, na nsɛm a Nkɔmhyɛfoɔ no kaae no rehyɛ ma no, berɛ a wɔkyekyere Onyankopɔn aheman no wɔ asase so, ne berɛ a wɔasan de tete nneɛma nhyehyɛeɛ no aba bio no, Awurade ada saa asɛdeɛ ne akwannya yi adi akyerɛ yɛn,”

Ɛfa yɛn nananom a wɔwuwuui a wɔanya asɛmpa no ho nimdeɛ no, Tittenani Joseph F. Smith (1838–1918) de too dwa sɛ, “Ɛnam mmɔdemmɔ a yɛbɔ wɔ wɔn ho no nti wɔn nkoasom nkonsonkonson no bɛfiri agu fam, na sum a ɛwɔ wɔn ho no bɛfiri hɔ, ama han atumi ahyerɛn wɔ wɔn so na wɔate adwuma a wɔn mma a wɔwɔ ha no ayɛ ama wɔn wɔ honhom wiase, na wɔadi ahurisie wɔ asɛdeɛ a moayɛ no ho.”

Ɔsoro Agya no ahonhom mma mpempem pii wɔ hɔ a wɔante Yesu Kristo din ansana wɔrewu akɔ honhom wiase. Nanso seesei wɔaka asɛmpa no akyerɛ wɔn na wɔretwɛn da a wo ne me bɛyɛ nhwehwɛmu a ɛhia a ɛbɛbue kwan ama yɛatumi akɔ Awurade fie akɔyɛ adwuma a wɔantumi annyɛ amma wɔn ho.

Anuanom ne adɔfoɔ, medi adanseɛ sɛ Awurade bɛhyira yɛn berɛ a yɛregye saa asodie yi na yɛredi ho dwuma.

Nkransɛm yi mu Nkyerɛkyerɛ.

Dwene w’abusua abakɔsɛm mu abasɛm a wo pɛ paa ara ho na ɛne wɔn a wosra wɔn no nkyɛ. Ebia wobɛpɛ sɛ wode nsɛmmisa a ɛwɔ Atitenafoɔa a Wɔdi Kan no Nkransɛm no, mmɔfra afa no (kratafa 6) hyɛ wɔn a wosra wɔn no nkuran. Dwen ho sɛ wobɛkan Nkyerɛkyerɛ ne Apam 128:15 na ɛne wɔn nsusu hia a ɛhia sɛ yɛbɛyɛ tɛmpol ayɛyɛdeɛ ama yɛn nananom.

Atwerɛ

  • Doctrine and Covenants 88:63.

  • Asɔre Atitenafoɔ Nkyerɛkyerɛ: Brigham Young(1997), 67.

  • Asɔre Nkɔmhyɛfoɔ Nkyerɛkyerɛ: Joseph Smith (2007), 475.

  • Asɔre no Atitenafoɔ nkyerɛkyerɛ: Joseph F. Smith