mma
Hunu w’Abasɛm
W’awofoɔ ne wo nananom anya osuahunu bebree a wonnim ɛmu bi mpo! Wɔn abasɛm no mu bi bɛma woasere, na ɛbɛtumi aboa wo ma woanya gyedie wɔ Ɔsoro Agya mu. Nanso ɛtɔ da a mpanimfoɔ mpo fɛre adeɛ. Fa saa nsɛmmisa yi boa ma wɔnkae wɔn abasɛm a wɔn ani gye ho na twerɛ to hɔ anaa yɛ wɔn mmuaeɛ no ho mfoni.
-
Ka wo nkaensɛm mmiɛnsa a ɛma wo anigyeɛ paa ara kyerɛ me.
-
Berɛ bɛn na ɛyɛɛ wo aniwuo paa ara?
-
Kaa da a wɔwoo me ho asɛm kyerɛ me.
-
Deɛn na na wopɛ yɛ berɛ a na woyɛ abofra no?
-
Kwan bɛn so na wonyaa asɛmpa no ho adanseɛ?