Nsrahwɛ Nkyerɛkyerɛ Nsɛm, Ayɛwohomumɔ 2014
Yesu Kristo Dwumadie Kronkron: Nhwɛsoɔ
Fa mpaebɔ sua saa nsɛm yi hwehwɛ sɛ wobehu deɛ wobɛkyɛ. Ɔkwan bɛn so na nteaseɛ a wowɔ wɔ Agyenkwa no abrabɔ ne n’adwuma mu bɛma wo gyedie atu mpɔn wɔ Ne mu na ahyira wɔn a wohwɛ wɔn so wɔ wo nsrahwɛ nkyerɛkyerɛ dwumadie mu? Sɛ worepɛ mu nsɛm bio a, kɔreliefsociety.lds.org
Berɛ a yɛsom afoforɔ no, yɛbɛyɛ Yesu Kristo a ɔyɛɛ nhwɛsoɔ maa yɛn no akyidifoɔ mmapa. Titenani Thomas S. Monson kaa sɛ: “Wɔn a wɔhia mmoa atwa yɛn ho ahyia. …Yɛyɛ Awurade nsa wɔ asase yi so, a yɛwɔ asɛdeɛ sɛ yɛsom na yɛpagya Ne mma.”1
Linda K. Burton, Relief Society amansan titenani no kaa sɛ: “Sɛ yɛtɔ kɔ so a, yɛn mu biara bɛyɛ te sɛ Agyenkwa no berɛ a yɛsom Onyankopɔn mma. Sɛdeɛ yɛbɛtumi asom yɛn ho yɛn ho nti, mɛpɛ sɛ mɛsusu nsɛmfua nnan a yɛbɛkae: “Deɛ ɛdi kan hwɛ, afei som.” …Berɛ a yɛreyɛ saa no, na yɛredi yɛn apam so no, sɛdeɛ Titenani Monson yɛɛe no, akyidifoɔ a yɛyɛ no bɛdi yɛn ho adanseɛ.”2
Yɛbɛtumi abɔ mpaeɛ anɔpa biara ama yɛahunu akwannya a yɛde bɛsom afoforɔ. David L. Beck, Mmerantewaa Kuo Amansan Titenani kaa sɛ: “Ɔsoro Agya bɛma wo akwankyerɛ, na abɔfoɔ bɛboa wo.” “Wɔbɛma wo tumi ama wode ahyira afoforɔ na wode agye akra nkwa.”3
Wɔ Twerɛsɛm no mu
Mateo 20:25–28;1 Nifae 11:27–28; 3 Nifae28:18
Wɔ yɛn abakɔsɛm mu
Wɔ ahinime 1856 amansan nhyiamu no, Titenani Brigham Young de too dwa sɛ adikanfoɔ a wɔkura teaseɛnam gu so retwa asaseta no na ɛsɛ sɛ obiara boa boaboa aduane ano ntɛm so ma wɔn. Lucy Meserve Smith twerɛɛ sɛ “Wɔyiyii wɔn aseɛ ntaadeɛ, wɔn stockings, ne biribiara a wɔbɛtumi ama, wɔ Tabernacle hɔ ara, na wɔboaboaa ano guu ahyɛn no mu.”
Berɛ a adikanfoɔ agyefoɔ no hyɛɛ aseɛ sɛ wɔreba Salt Lake Ahenkuro mu no, Lucy twerɛɛe sɛ, “Mennyɛɛ adwuma a ama me ahomeka te sɛ wei wɔ m’abarabɔ mu da, baakoyɛ atenka hyɛɛ obiara ma.” Deɛ na ɛwɔ sɛ meyɛ ara ne sɛ mekɔ store hɔ na meka m’ahiasɛm kyerɛ; sɛ ɛyɛ ntoma a, wɔtwa bi ma me a wɔnnye me hwee.”4
Titenani George Albrt Smith (1870–1951) kaa biribi faa som a yɛsom afoforɔ ho: “Yɛn daa nkwa anigyeɛ no mu kɛseɛ bɛgyina kwan a yɛtuu yɛn ho sii hɔ boa afoforɔ so.”5
Dwene Wei Ho
-
Kwan bɛn so na mpaebɔ bɛtumi ama yɛabɛyɛ adwinnideɛ wɔ Awurade nsam?
-
Kwan bɛn so na sɛ yɛsom afoforɔ a ɛbɛtumi aboa yɛn ma yɛadi yɛn apam so?