2014
So na metumi yɛ nhyehyɛeɛ adwuma?
June 2014


Mmabunu

So na metumi yɛ nhyehyɛeɛ adwuma?

Ɔtwerɛfoɔ no te Veracruz, Mexico.

Mekaa ho ma yɛhyɛɛ yɛn stake botaeɛ no ma sɛ yɛbɛhyehyɛ din 50, 000. Ahyɛaseɛ no na ɛyɛ den. Mpɛn pii no nwoma a metwe firii computer no so no wɔ ntwerɛeɛ a na menntumi nnkan, ɛno nti ɛtɔ da a na mepɛ sɛ mede san kɔ na mekɔfa foforɔ. Nanso mehunuu sɛ sɛ obiara dwene sei a, saa nwoma no bɛka akyire korakora. Metumi susu hunuu nnipa a wɔato santene wɔ honhom wiase hɔ, na mesii gyinaeɛ sɛ mɛtoa so akenkan saa din no na matwerɛ a mennyɛ mfonsoɔ biara.

Mesuaa sɛ mɛnya ɔdɔ ama saa nnipa yi. Metee aseɛ sɛ wɔhia mmoa ankasa, na yɛn nso yɛhia mmoa firi wɔn hɔ. Mebɛtee aseɛ yie sɛ Ɔsoro Agya nhyehyɛeɛ a ɛdi mu no kɔ ma obiara. Sɛ yɛdi akannifoɔ a wapaw wɔn no nkannyan ne wɔn nkyerɛkyerɛ so a, yɛbɛhunu ne mmɔborɔhunu ne ne dɔ a ɛnni kabea.

Nhyehyɛeɛ adwuma abɛyɛ osuahunu a m’ani gye ho. Mesuaa sɛ mɛbu na madɔ nneɛma bebree a ɛfa abusua abakɔsɛm ho. Mesan nso nyaa akyɛdeɛ a ɛsom boɔ firii yɛn Awurade hɔ nam setie a meyɛ maa biribi ketewa te sɛ nhyehyɛeɛ adwuma no.