2013
Mmerɛ nyina ara mu ahotefoɔ
Fankwa-Ɛbɔ 2013


Atitenafoɔ a Wɔdi Kan no Nkransɛm, Ɛbɔ 2013

Mmerɛ nyina ara mu ahotefoɔ

Titenani Dieter F. Uchtdorf

Mekae deɛ ɛsii wɔ wiase fa baabi wɔ me mmɔfra ase a wɔbɛtumi de ayɛ nkratoɔ nwoma afeda biara. Na bosome biara di mu na na ɛyɛ nwanwa. Wɔ awɔ berɛ fɛɛfɛ bi mu no, sukyerɛmma werɛmfoɔ bi kataa mmepɔ ne yɛn nkwantepɔn so. Fefɛ berɛ de nsu pa ne nwura fɛɛfɛ baae. Ahuhuro berɛ mununkum anihafoɔ maa kwan ma owia daa ne han adi. Na fefɛ berɛ nwanwasoɔ sesaa abɔdeɛ bɔberɛ ma ɛbɛyɛɛ sɛ akutuo bɔberɛ, akokɔ sradeɛ ne kɔkɔɔ. Meyɛ abɔfra no, na m’ani gye mmerɛ nyina ara ho, na mpo seesei, medɔ ɛmu biara su ne ne ban.

Yɛn nso yɛwɔ mmerɛ ahodoɔ wɔ yɛn abrabɔ mu. Ebi yɛ na ɛho dwo. Ebi nnte saa. Nna bi wɔ yɛn abrabɔ mu a ɛyɛ fɛ sɛ calender mu mfonini. Nanso nna bi ne tebea bi nso wɔ hɔ a ɛde adwendwen ba a ɛbɛtumi de abasamguo, abufuo ne ɔyaw aba yɛn abrabɔ mu.

Megyedi sɛ ɛtɔ da a ɛyɛ yɛn sɛ anka ɛbɛyɛ fɛ sɛ yɛbɛtumi atu akɔtena asase a ɔhaw biara nni ho so, ama yɛadwane mmerɛ a ɛnnyɛ nyina ara.

Nanso wei ntumi nnsi. Na ɛnnyɛ ade pa nso.

Na sɛ mehwɛ me ara m’abrabɔ a, ɛda adi sɛ mpontuo bebree a menyaae no baae berɛ a merefa mmerɛ denden mu.

Yɛn Soro Agya, nyansa nyina ara farebae no, nim sɛ ansana Ne mma bɛnyini abɛyɛ deɛ ɛsɛ sɛ wɔbɛyɛ no, ɛsɛ sɛ wɔnya amanehunu suahunu berɛ a wɔwɔ owuo tebea asetena yi mu. Mormon Nwoma mu nkɔmhyɛni Lehi kaa sɛ akwansideɛ nni hɔ a, “teneneeyɛ nntumi mma” (Nifae 2:11). Ampa, ɛyɛ abrabɔ mu nwononwono-adeɛ na ɛma kwan ma yɛhyɛ fenemfenem-adeɛ nso, na yɛhunu ne nsonsoneɛ na yɛhunu hia a ɛhia (N&A 29:39; Mose 6:55).

Otitenani Brigham Young kaa no saa kwan yi so: “Anyansafoɔ ateasefoɔ a wɔhyɛ wɔn animuonyam, ɛnwuo tebea, ne nkwa a ɛnni-awieɛ ahenkyɛ nyina ara no, ɛsɛ sɛ wɔfa sɔhwɛ biara a wɔahyehyɛ sɛ anyansanfoɔ ateasefoɔ nyina ara fa mu, ama wɔanya wɔn animuonyam ne wɔn mmasoɔ.” Esiane biara a ɛba adasamma so no … siesie wɔn ma wɔtumi kɔtena Awurade nkyɛn. … Sɔhwɛ ne suahunu a wofa mu no hia ma wo nkwagyeɛ.”

Ɛnnyɛ amanehunu no ho suahunu na ɛhia, na mmom kwan a yɛbɛfa so asɔ ano na ɛhia. Akwanya kɛseɛ a yɛwɔ wɔ saa asetana a ɛsesa yi mu ne sɛ yɛbɛsɔ Onyankopɔn asɛmpa no mu yie, ɛfiri sɛ wɔanhyehyɛ N’akwankyerɛ sɛ yɛmfa nnyina nsɔhwɛ nko ara ano, na mmom sɛ ɛbɛboa yɛn ama yɛadi so nkonim. Yɛn Agya a ɔwɔ soro no afa Ne nkɔmhyɛfoɔ so de N’asɛm ama, ada nimdeɛ a ɛdi mu adi, a ɛbɛboa ma yɛafa akwansideɛ ne mmerɛ a ɛyɛ den mu ama yɛanya anigyeɛ mmorosoɔ ne nkwa a ɛnni awieɛ han kɛseɛ no. Ɛyɛ yɛn abrabɔ mu suahunu mu ade hiasɛm sɛ yɛbɛnya ahoɔden, akokoduro, ne nokorɛdie ama yɛasɔ nokorɛ ne tenenee mu yie, ɛmmfa ho ne ayaayadeɛ a yɛbɛfa mu.

Wɔn a wɔawura asubɔ nsuo mu na wɔanya Honhom Kronkron akyɛdeɛ no de wɔn nan asi okyidini kwan so na wɔhyɛ wɔn sɛ wɔnnante Agyenkwa no anamɔn mu yie ne nokorɛdie mu.

Agyenkwa no kyerɛɛe sɛ owia “pue wɔ nnipa bɔne ne nnipa pa so, na …ɔtɔ nsuo gu wɔn a wɔtene ne wɔn a wɔntene so” (Mateo 5:45). Ɛtɔ da a yɛntumi nte aseɛ deɛ nti a nsɛm denden, mpo deɛ ɛnnyɛ, si wɔ abrabɔ mu. Nanso sɛ yɛyɛ Kristo akyidifoɔ yi, yɛgyedi sɛ, sɛ yɛde “nsiyɛ hwehwɛ, bɔ mpaeɛ daa, na yɛnya gyedie a, nneɛma nyina ara bɛbɔ mu adi aboa yɛn, yɛnante tenenee mu a” (N&A 90:24).

Sɛ yɛyɛ N’Asɔre mma, Ahotefoɔ yi, yɛde anigyeɛ ne ɔpɛ pa som wɔ aberɛ nyina ara ne tebea biara mu. Na sɛ yɛyɛ saa a, gyedie korɔngyeen, anidasoɔ a ɛsa yadeɛ, ne ɔsoro ɔdɔ mapa hyɛ yɛn akoma mu ma.

Nanso, ɛtwa sɛ yɛfa tebea nyina ara mu, deɛ ɛyɛ ne deɛ ɛnnyɛ nyina ara. Nanso ɛmmfa ho ne tebea a yɛkɔ mu no, sɛ Yesu Kristo akyidifoɔ no, yɛde yɛn anidasɔ bɛto Ne so berɛ a Yɛrenante akɔ Ne han no nkyɛn no.

Ne tiawa mu no, yɛyɛ Onyankopɔn Ahotefoɔ, a yɛasi gyinaeɛ sɛ yɛbɛsua No, yɛadɔ No na yɛadɔ yɛn mfɛfoɔ. Yɛyɛ akwantufoɔ wɔ akyidifoɔ kwan so, na yɛbɛnante ahoɔden mu abɛn yɛn soro botaeɛ no.

Ɛno nti, momma yɛnyɛ ahotefoɔ wɔ fefɛ berɛ mu, ahuhuro berɛ mu, twaberɛ mu, ne awɔ berɛ mu. Momma yɛnyɛ mmerɛ nyina ara mu Ahotefoɔ.Atwerɛ

  1. Asɔre Atitenafoɔ Nkyerɛkyerɛ: Brigham Young (1997), 67.

Nkransɛm yi mu Nkyerɛkyerɛ.

Atitenafoɔ a Wɔdi Kan no akyerɛkyerɛ sɛ, “Yɛn asɛnka kɛse pa ara a yɛka bi ne asɔre nnwom-toɔ” (Asɔre nnwom, ix). Berɛ a moreka saa nkransɛm yi ho asɛm no, hwɛ sɛ wobɛtumi ne wɔn a worekyerɛ wɔn adeɛ no ato saa nnwom yi mu baako: “How Firm a Foundation” (no. 85); “The Lord Is My Shepherd” (no. 108); or “Let Us All Press On” (no. 243). Sɛ Honhom no kanyan wo a, ɛne wɔn nkyɛ berɛ a w’abrabɔ mu ahum bɛdanee nhyira.