2013
Metumi Yii m’Awerɛhoɔ no Totweneeɛ
Fankwa-Ɛbɔ 2013


Mmabunu

Metumi Yii m’Awerɛhoɔ no Totweneeɛ

Ɔtwerɛfoɔ no firi Taiwan

Berɛ a me nnamfonom Onuabarima Chen ne ne yere bɔɔ asu baa yɛn ward mu no, m’ani gyeeɛ. Afe baako akyi no, wɔgyee nsɔano nhyira wɔ tɛmpol, na wɔyɛɛ ayɛyɛdeɛ ne wɔn ba a ɔkaa baabi ansa na wɔrebɛdɔm asɔre no ka bɔɔ mu. Chen abusua no mpontuo wɔ asɔre no mu no yɛ nwanwa.

Afei, Onua Chen nyaa car akwanhyia wuui afe akyi. N’akwanhyia no akyi no, ɛkame ayɛ sɛ ne wuo no bɛkaa m’adwendwen ho ma metaa sosoo ɛho daeɛ. Mede nisuo nyaneeɛ na mebisaa mpɛn pii sɛ, “Adɛn? Adɛn nti na Awurade ma kwan ma asɛm kɛseɛ sei si? Adɛn nti na ɛsɛ sɛ saa asɛm yi to abusua pa?” Da ko bi, berɛ a meredi saa asɛm yi ho abooboo no, mefaa nkyerɛkyerɛ nwoma na mekann saa nsɛm yi a Otitenani Spencer W. Kimball kaae (1895–1985):

“Sɛ yɛsusu sɛ asaase so asetena nko ara na ɛyɛ yɛn asetena a, ɛnneɛ ɔyaw, awerɛhoɔ, hwammɔ ne nkwa tiawa bɛyɛ esiane. Nanso sɛ yɛhunu asetena sɛ ɛyɛ ade a ɛnni-awieɛ, a ɛfiri berɛ a na wɔnwoo yɛn, kɔsi daakye berɛ a yɛbɛwuo a, ɛnneɛ yɛbɛhunu nneɛma nyina ara yie. …

“So yɛnnkɔ nsɔhwɛ mu ama asɔ yɛn ahoɔden ahwɛ, anaa yareɛ mu ama yɛsua aboterɛ, anaa owuo ama yɛanya nipadua a ɛkyene boɔ a ɛwɔ animuonyam?

Saa berɛ no, mesii gyinaeɛ sɛ mɛgyae m’awerɛhoɔ mu na mahwɛ daakye a wɔahyɛ ho bɔ no kwan. Mehunuu m’adwene mu sɛ Onua Chen ne n’abusuafoɔ aka abɔ mu wɔ anigyeɛ mu. Saa yikyerɛ yi maa me asomdwoeɛ. Menim sɛ Ɔsoro Agya no bɛma yɛn nyansa ne akokoduro ma yɛde asɔ amanehunu ano.

Atwerɛ

  1. Asɔre no Atitenafoɔ no nkyerɛkyerɛ: Spencer W. Kimball (2006), 15.