mma
Som wɔ aberɛ nyina ara mu
Otitenani Uchtdorf kyerɛkyerɛ yɛn sɛ “yɛmfa anigyeɛ ne ɔpɛ pa nsom wɔ tebea ne aberɛ nyina ara mu.” Akwan bɛn so na wobɛtumi afa so asom afoforɔ wɔ awɔ berɛ mu? Akwan bɛn so na wobɛtumi afa so asom afoforɔ wɔ fefɛ berɛ mu? Na ahuhuru ne twaberɛ mu nso ɛ? Twerɛ wo nsusuieɛ fa saa berɛ nkyekyɛmu biara yi ho. Ebia wobɛpɛ sɛ wode saa wo nsusuieɛ yi mu baako bɛdi dwuma saa bosome yi!