2013
Mua w’ano, Yɛ Komm
Ebɔw-Ɔbenem 2013


Atitenafoɔ a Wɔdi Kan no Nkransɛm, Ɔbɛnem 2013

Mua w’ano Yɛ Komm

Otitenani Thomas S. Monson

Dakoro bi wɔ mfeɛ kakra a ɛtwam no, metotoo me nneɛma yie wɔ adwuma mu wieɛ no, menyaa nkannyan sononko bi sɛ menkɔsra ɔbaa kunafoɔ bi a n’ani afi, a na ɔda beaeɛ a wɔhwɛ nkɔkora ne mmerewa wɔ Salt Lake Kuropɔn no mu. Mekaa car kɔɔ hɔ.

Meduruu ne dan mu hɔ no, na obiara nni hɔ. Mebisaa ɔsomfoɔ bi faako a ɔwɔ na ɔkyerɛɛ me asaso kɛseɛ bi na me kɔɔ hɔ. Ɛhɔ no mehunuu saa okunafoɔ a ne ho yɛ anika yi sɛ ɔne ne nuabaa ne ne yɔnko bi a na wɔabɛsra no redi nkɔmmɔ. Yɛdii nkɔmmɔ a ɛyɛ dɛ.

Berɛ a na yɛrekasa no, ɔbarima bi baa dan no mu bɛfaa anomdeɛ firii afidie a wɔde tɔn adeɛ no mu. Ɔhwɛɛ me na ɔkaa sɛ, “Ah, wone Tom Monson!”

Megyee so sɛ “aane.” “Wo nso wosɛ Hemingway.”

Ɔgye toom sɛ wɔfrɛ no Stephen Hemingway, Alfred Eugene Hemingway ba, ɔno na na ɔyɛ me fotufoɔ berɛ a na meyɛ ɔhwɛfoɔ mfeɛ bebree a abɛsen kɔ no; a na mefrɛ no Gene. Stephen ka kyerɛɛ me sɛ ne papa nso wɔ beaeɛ hɔ bi, na ɔda owuo mpa so. Na Gene rebɔ me din, na na n’abusuafoɔ rehwehwɛ me nanso wɔantumi annya me ahomatorofoɔ so.

Mesrɛɛ kwan ntɛmpa ara na me ne Stephen kɔɔ me fotufoɔ dada no dan mu, faako a na ne mma afoforɔ no nso ahyia mu no; na ne yere aka baabi mfeɛ kakra a abɛsen kɔ no. Abusuafoɔ no hunuu me nsrahwɛ wɔ dan no mu no sɛ mmuaeɛ a Agya a ɔwɔ Soro no de ama wɔn ɛfa wɔn adesrɛdeɛ kɛseɛ ho: sɛ mɛba abɛhunu wɔn papa na magye ne frɛ so ansa na wawu. Me nso menyaa atenka bi sɛ saa na ɛteɛ, ɛfiri sɛ, sɛ Stephen annwura dan no a na mereyɛ nsrahwɛ wɔ mu no mu saa berɛ no ara mu a, anka mennhunu sɛ Gene wɔ beaeɛ hɔ mpo.

Yɛbɔɔ mpaeɛ hyiraa no. Asomdwoeɛ honhom yɛɛ hɔ ma. Yɛdii nkɔmmɔ a ahomka wɔm; na akyire yi mefirii hɔ.

Adekyee anɔpa no, wɔka kyerɛɛ me ahomatorofoɔ so sɛ bɛyɛ simma 20 a mene ne ba no abɔ mpaeɛ ama no awie no, Gene Hemingway kaa baabi.

Mebɔɔ nnaseɛ mpaeɛ wɔ me tirim kyerɛɛ Agya a Ɔwɔ Soro wɔ n’akwankyerɛ a ɛkannyan me maa mekɔɔ beaeɛ hɔ, a ɛmaa mekɔ hunuu me yɔnko pa Alfred Eugne Hemingway.

Ɛyɛ a na ɛyɛ me sɛ berɛ a na honhom Kronkron no aba yɛn so, na yɛrebɔ ahobraseɛ mpaeɛ, na yɛrema no asɔfodie nhyira no, na Gene hemingway rekaekae nsɛm a wɔbobɔ so wɔ asɔredwom “Owura, Ahum no Retu” no mu:

Tena me kyɛn, O Ɔgyefoɔ a wɔahyira wo!

Nnya me hɔ bio,

Na mede anigyeɛ bɛkɔ hyɛn gyinabea a nhyira wɔ hɔ no

Na magye m’ahome wɔ ahotɔ mpoano hɔ.

Medaso dɔ saa asɔredwom no na medi adanseɛ sɛ ɛma awerɛkyekyerɛ:

Sɛ ɛyɛ ɛpo a ahum rema ɛrehuru no abufuo o

Anaa ahonhom bɔne anaa nnipa anaa biribi foforɔ biara o,

Nsuo biara nni hɔ a ɛbɛtumi amene hyɛn no, faako a

Ɛpo ne asase ne ewiem Wura no da no.

Wɔn nyina ara de ahobrɛaseɛ bɛyɛ setie ama wo pɛ:

Mua w’ano, yɛ komm.1

Wɔ anisuo ne nsɔhwɛ mu, wɔ osuro ne awerɛhoɔ mu, wɔ akomayeaa ne ankonam a adɔfoɔ wuo de ba mu no, anidasoɔ wɔ hɔ sɛ nkwa yɛ afebɔɔ. Yɛn Awurade ne yɛn Agyenkwa teasefoɔ di adanseɛ sɛ saa na ɛteɛ.2 Ne nsɛm a ɛwɔ twerɛ kronkron no mu di mu: “Monyɛ komm, na monhunu sɛ me ne Onyankopɔn” (Nnwom 46:10). Medi saa nokorɛ yi ho adanseɛ.

Atwerɛ

  1. “Owura, Ahum no Rebɔ,” Nnwom a ɛtɔ so 105.

  2. Hwɛ Richard L. Evans, “Momma Yɛntena Ase Afebɔɔ,” New Era, Kitawonsa18, 1971.

Nkransɛm yi mu Nkyerɛkyerɛ.

Saa nkrasɛm yi bɛtumi akyekye wɔn a wɔahwere ɔdɔfoɔ bi wɔ owuo mu no werɛ anaa wɔn a wɔne nsɔhwɛ redi asie no. Otitenani Monson nkransɛm akyi no, susu ho sɛ wone wɔn bɛkyɛ twerɛnsɛm a adidi soɔ yi mu baako, sɛdeɛ wɔn a worekyerɛ wɔn adeɛ no ahiasɛm teɛ: Hiob 19:25–26; 1 Korintofoɔ Nwoma15:19–22; Mosaya 24:13–15; Nkyerɛkyerɛ ne Apam 122:7–9. Sɛ honhom no kanyan wo a, wobɛtumi adi adanseɛ afa asomdwoeɛ a Agyenkwa no de ama wo wɔ wo amanehunu mu.