2013
Mesrɛ wo, Sa M’Akoma Yareɛ
Ebɔw-Ɔbenem 2013


Mmabunu

Mesrɛ wo, Sa M’Akoma Yareɛ

Berɛ a na yɛredi me nua a wawuo no afeda no, medwenee mmerɛ a abɛsene kɔ firi sɛ owuiɛ no ho. Nnyɛ ɔyaw kɛseɛ a menyaeɛ no nko ara na mekaeeɛ, mmom menyaa nhyira a Onyankopɔn de maa me no nso ho atenka.

Na mente aseɛ sɛ nnipa binom bɛtumi aka sɛ ɔdɔfoɔ bi wuo bɛtumi de nhyira aba. Na mentumi nte aseɛ sɛ mɛtumi anya anigyeɛ ne anisɔ afiri biribi a ɛde yaw brɛ me paa ara mu. Nanso, me nteaseɛ sesaeɛ koraa dako anadwo bi.

Mede akoma a awerɛhoɔ ahyɛ mu ma paa ara a menhunuu ne sɛso da sɔree anadwo dasuom. Ɔyaw no hyɛɛ me so. Mekɔɔ me nkotodwe anim na mesu frɛɛ me Soro Agya. Me nkwa nna nyina ara mu no na wɔakyerɛ me Mpata no ne Yesu Kristo ayaresa tumi nwanwasoɔ no ho nsɛm. Saa berɛ yi na wɔresɔ me gyedie ahwɛ. So na megyedi ampa? Mesrɛɛ me Soro Agya sɛ ɔnsa m’akoma yareɛ. Na ɔyaw no so paa ara a me nko ara mentumi nsoa.

Afei asomdwoeɛ, awerɛkyekyerɛ, ne ɔdɔ atenka munkam me nipadua nyina ara. Menyaa atenka bi te sɛ deɛ Onyankopɔn de ne nsa abam me na ɔrebɔ me ho ban afiri ɔyaw denden a na merekɔ mu no ho. Na m’ani daso gyina me nua no, nanso me tumi hunuu nneɛma akwan foforɔ so. Na adesuadeɛ pii wɔ saa osuahunu yi mu ma me.

Menim sɛ Awurade dɔ ne n’asomdwoeɛ wɔ hɔ. Deɛ ɛwɔ sɛ yɛyɛ ara ne sɛ yɛdi bi.