2013
Nkannyan
Ebɔw-Ɔbenem 2013


Nsrahwɛ Nkyerɛkyerɛ Nsɛm, Ɔbɛnem 2013

Nkannyan

Fa mpaebɔ sua saa nwoma yi, na sɛ ɛfata a, ɛne anuanom mmaa a wosra wɔn no nni ho nkɔmmɔ. Fa nsɛmmisa no hyɛ wo nuanom mmaa no den na ma Relief Society nyɛ w’abrabɔ mu ahiasɛm. Sɛ worepɛ mu nsɛm bio a, kɔreliefsociety.lds.org.

Gyedie, Abusua, Ɔgyeɛ

Yɛn nkɔmhyɛni, Otitenani Thomas S. Monson, ahyɛ yɛn nkuran sɛ “monkɔgye wɔn a wɔhia yɛn mmoa no na momma wɔn so nkɔ kwan a ɛkron na ɛyɛ papa no so. …Ɛyɛ Awurade adwuma, na sɛ Awurade soma yɛn a,…yɛwɔ ne mmoa ho kwan.”1

Mfeɛ bebree a abɛsen kɔ no LaVene Call ne ne nsrahwɛ hokafoɔ kɔsraa onuabaa bi a wate ada. Wɔbɔɔ pono no mu na wɔhunuu sɛ ɔhyɛ ataadeɛ a wɔde dware. Na wayɛ sɛ deɛ ɔyare, nanso ankyɛ wɔhunuu sɛ ne haw yɛ nsanom. Nsrahwɛ akyerɛkyerɛfoɔ no tenaa ase na wɔne maame yi a ɔrebrɛ yi dii nkɔmmɔ.

Wɔfirii hɔ no, wɔkaa sɛ, “Ɔyɛ Onyankopɔn ba. Ɛyɛ yɛn asɛdeɛ sɛ yɛboa no.” Ɛno nti wɔkɔɔ so sraa no. Berɛbiara a wɔsraa no no, wɔtumi hunuui na wɔnyaa atenka sɛ ɔresesa koraa. Wɔtoo nsa frɛɛ no sɛ ɔmmra Relief Society ahyiadie. Ɔtwentwɛnn ne nan ase deɛ, nanso akyire no akɔɔɛ daa. Wɔhyɛɛ wɔn nkuran akyire no, ɔne ne kunu ne ne babaa baa asɔre. Ne kunu nyaa Honhom nkronkron no nkannyan. Ɔkaa sɛ, “Mɛyɛ deɛ ɔhwɛfoɔ no bɛka.” Seesei wɔgyina wɔn nan so wɔ Asɔre no mu, na wɔanya nsɔano nhyira no wɔ tɛmpol.2

Wɔ Twerɛsɛm no mu

3 Nifae 18:32; Nkyerɛkyerɛ ne Apam 84:106;

Wɔ y’abakɔsɛm mu

Boa a yɛboa ma obi a wate ada no san ba Yesu Kristo asɛmpa no mu bio no ka Nna a ɛdi Akyire yi Ɔhoteɛni ne Relief Society kuo ba biara asɛdɛe ho. Otitenani Brigham Young (1801–77) kaa sɛ, “Momma yɛnnya ayamhyehyeɛ mma yɛn ho yɛn ho,…na momma wɔn a wɔtumi hunu adeɛ no nkyerɛ anifirafoɔ kwan kɔsi sɛ wɔn ankasa bɛtumi ahunu adeɛ.”3

Eliza R. Snow, fotufoɔ a ɔtɔ so mmienu wɔ amansan Relief Society atitenafoɔ no mu no, kyerɛɛ n’anisɔ a ɔwɔ ma anuanom mmaa a wɔwɔ Ogden, Utah, USA, ɛnam sɛ wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛboaboa wɔn ho wɔn ho. Ɔkaa sɛ “Menim yie sɛ [monam ɔsom so] di dwuma kɛseɛ a wɔntwerɛ no [twerɛtohɔ] nwoma no mu.” Nanso ɛnam sɛ ɔnim sɛ wɔtwerɛ anuanom mmaa no nnwuma no wɔ soro berɛ a wɔkɔyɛ wɔn a wɔn akoma redi awerɛhoɔ no mmoa no nti, ɔkaa sɛ: “Otitenani Joseph Smith kaa sɛ wɔyɛɛ kuo yi sɛ wɔde bɛgye akra. …Wɔakora nwoma foforɔ bi ama mo gyedie, mo ayamyɛ, mo nnwuma pa, ne mo nsɛm. …Hwee nnyeraaeɛ.”4

Atwerɛ

  1. Thomas S. Monson, “Ɔfrɛ Kronkron a Ɛyɛ Ɔsom,” Liahona, Kɔtɔnimma 2005, 55, 56.

  2. Krata a LaVene Call ba baa twerɛ kɔmaa Relief Society amansan Atitenafoɔ no.

  3. Brigham Young, wɔ “M’Aheman Mma Mmaa:Relief Society Abakɔsɛm ne wɔn Adwuma” mu 2011), 107.

  4. Eliza R. Snow, wɔ M’Aheman Mma Mmaa mu 83.

Deɛn na mɛtumi ayɛ?

  1. So mewɔ akokoduro a mede bɛsrɛ onua baa a wate ada sɛ ɔne me nkɔ Relief Society ahyiadie mu?

  2. So anuanom mmaa a mehwɛ wɔn so no mmfɛre sɛ wɔbɛbisa me nsɛm afa asɛmpa no ho?