mma
Paw sɛ Wobɛyɛ Komm.
Otitenani Monson se berɛ a yɛyɛ komm na yɛma anidie no, yɛbɛtumi anya asomdwoeɛ atenka na yɛanya adanseɛ kɛseɛ wɔ yɛn Soro Agya ho. Na Honhom Kronkron no bɛtumi akannyan yɛn yie afa kwan a yɛbɛtumi aboa afoforɔ ho.
Twerɛ anaa ɛne w’awofoɔ nni nkɔmmɔ mfa ɔkwan baako a wobɛtumi ayɛ komm ho. Afei pɛ mmerɛ saa nnawɔtwe yi na sɔ hwɛ. Wowie a, wobɛtumi atwerɛ atenka ne nkannyan a wonyaeɛ no wɔ wo journal mu.