“Ayɛwohomumɔ 15–21. ‘Ɔko No Yɛ Awurade Dea’: 1 Samuel 17–18; 24–26; 2 Samuel 5–7,” Bra, Di M’akyi—De ma Efie ne Asɔre: Apam Dada 2026 (2026)
“Ayɛwohomumɔ 15–21. ‘Ɔko No Yɛ Awurade Dea,’” Bra, Di M’akyi: Apam Dada 2026
David and Goliath, ɛfiri Steve Nethercott hɔ
Ayɛwohomumɔ 15–21: “Ɔko No Yɛ Awurade Dea”
1 Samuel 17–18; 24–26; 2 Samuel 5–7
Ɛfiri mmerɛ a Israel mmusuakuo no kɔtenaa bɔhyɛ asase so no, Filistinifoɔ no bɛyɛɛ akwansideɛ maa wɔn bammɔ. Na Awurade agye wɔn mpɛn pii wɔ mmerɛ a atwam no mu, nanso afei Israel mpanimfoɔ no hwehwɛɛ sɛ, “Yɛbɛnya ɔhene [a] ɔbɛdi yɛn anim, na wako yɛn ako” (1 Samuel 8:19–20). Enti wɔsraa Saul ngo yɛɛ no ɔhene. Nanso berɛ a Goliat a ne ho yɛ hu sɔre tiaa Israel asraafoɔ no, Saul—te sɛ n’asraafoɔ a aka no—“suro kɛse” (1 Samuel 17:11). Saa da no, ɛnyɛ Ɔhene Saul na ɔgyee Israel nkwa na mmom abarimaa odwanhwɛfoɔ bi a ɔbrɛ ne ho ase a wɔfrɛ no Dawid, a na ɔnhyɛ akodeɛ biara na mmom ɔhyɛ Awurade mu gyidie a ɛnhinhim. Saa ɔko yi kyerɛɛ Israel, ne obiara a ɔwɔ honhom mu akodie a ɛsɛ sɛ ɔko, sɛ “Awurade mfa nkrantɛ ne pea nnye nkwa” na “ɔko no yɛ Awurade dea” (1 Samuel 17:47).
Nsusuiɛ de ma Adesua wɔ Efie ne Asɔre
1 Samuel 17
Awurade mmoa no nti, mɛtumi adi ɔhaw biara so nkonim.
Dawid ne Goliat ho abasɛm no yɛ abasɛm a wɔnim no yie wɔ twerɛnsɛm mu no mu baako. Nokorɛ mu, yɛtaa de yɛn adwene si Dawid so. Nanso saa berɛ yi, berɛ a wosua 1 Samuel 17, no, dwene nnipa afoforɔ nsɛm nso ho wɔ saa ti yi mu (hwɛ nsɛmmoano a ɛwɔ aseɛ ha no). Deɛn na wosua fa wɔne wɔn atirimpɔ ho? Deɛn na wosua fa Dawid ho? Sɛn na ɔyɛ sononko?
-
Goliat: nkyekyɛmu 8–10, 43–44
-
Eliab: nkyekyɛmu 28
-
Saul: nkyekyɛmu 33
-
Dawid: nkyekyɛmu 26, 32, 34–37, 39, 45–47
W’abasɛm no, ɛwom sɛ wɔnnim no yie te sɛ Dawid deɛ no deɛ, ɛyɛ ampa sɛ ɔhaw a ɛte sɛ Goliat a ɛsɛ sɛ wodi so nkonim ne akwanya ahodoɔ a wode bɛkyerɛ wɔ Awurade mu no bɛka ho. Deɛn na Dawid nhwɛsoɔ no kyerɛkyerɛ wo fa asiane a wohyia wɔ w’abasɛm mu no ho? Wobɛtumi nso akenkan Titenani Camille N. Johnson nkrasɛm “Invite Christ to Author Your Story” (Liahona, Obubuo 2021, 80–82) a wo haw ahodoɔ no mu baako wɔ w’adwene mu. Hwehwɛ mmuaeɛ ma nsɛmmisa te sɛ eyinom: Sɛn na Awurade pɛ sɛ mehunu me haw ahodoɔ no? Sɛn na Waboa me wɔ mmerɛ a atwam no? Sɛn na mɛtumi akyerɛ sɛ megye No di sɛ ɔbɛtwerɛ m’abasɛm no?
Ebia wonim dada sɛ awerɛhoɔ mmerɛ ahodoɔ bi wɔ hɔ akyire yi wɔ Dawid abasɛm no mu (sɛ nhwɛso no, hwɛ 2 Samuel 11). Sɛ wonyaa akwanya a wodebɛtu Dawid fo wɔ ɔne Goliat ko no akyi a, anka deɛn na wobɛka? Sɛn na afotuo yi bɛtumi afa w’abrabɔ ho?
San hwɛ “The Lord Will Deliver Me” (sini), Asɛmpa Nwomakorabea.
The Lord Will Deliver Me
1 Samuel 17:26–50
Onipa baako a ɔwɔ Kristo mu gyidie bɛtumi ama nsakraeɛ aba.
Ankorankoro haw ahodoɔ akyi no, yɛsan hyia ɔhaw akɛseɛ a ɛyɛ den a ɛka wiase nyinaa. Sɛ bɔne tumi “boa ano bom sɛ wɔrebɛko” atia papa tumi a (1 Samuel 17:1), yɛbɛtumi adwene sɛdeɛ yɛn ankorankoro mmɔdemmɔ bɛtumi ama nsakraeɛ aba. Deɛn na wohunu wɔ Dawid abasɛm no mu a ɛma wonya anidasoɔ?
San hwɛ “Let Us All Press On,” Nnwom, no. 243.
True Friendship and Self-Respect, ɛfiri Wilson Ong hɔ (nkyerɛmu)
1 Samuel 18
“Yonatan dɔɔ [Dawid] sɛ n’ankasa kra.”
Berɛ a wokenkan 1 Samuel 18, no, dwene ho sɛ wobɛma Saul ne ne ba Yonatan (a sɛ ɛnyɛ Dawid a, anka obɛtumi asusu sɛ ɔno na ɔbɛyɛ ɔhene a ɔdi hɔ no) abɔ abira. Sɛn na Saul ne Yonatan yɛeɛ wɔ Dawid nkonimdie no ho? Deɛn na wobɛtumi asua afiri suahunu yi mu?
Deɛn na wohunu wɔ Yonatan suban ne ne nneyɛɛ mu a ɛma wokae Yesu Kristo?
“Fa twerɛnsɛm no toto ho” (1 Nephi 19:23). Twerɛnsɛm no ma akwanya kɛseɛ a yɛde bɛsua biribi afiri nnipa te sɛ Dawid, Yonatan, ne Saul nkuranhyɛ ne wɔn nneyɛɛ mu. Wobɛhunu sɛ obiara nni twerɛnsɛm no mu a mfomsoɔ biara nni ne ho. Enti sɛ nhwɛsoɔ no, berɛ a wokenkan fa nneɛma a Dawid de nokorɛdie yii ho no, nya ɔpɛ sɛ wobɛsua biribi afiri ne mfomsoɔ ahodoɔ nso mu. Sɛ yɛyɛ saa a ɛbɛtumi aboa ama yɛahunu mmerɛyɛ ahodoɔ a yɛbɛtumi anya na “yɛasua sɛ yɛbɛyɛ anyansafoɔ akyɛn sɛdeɛ [afoforɔ] ayɛ” (Mormon 9:31).
1 Samuel 24–26
Bɔnefakyɛ ne nokorɛ kwan a ɛkɔ asomdwoeɛ ne ayaresa mu.
Wɔ 1 Samuel 24–26, hwehwɛ asuadeɛ ahodoɔ a ɛfa ahantan, bɔnefakyɛ, ne ahohyɛsoɔ ho. Wobɛtumi nso adwene ho sɛ wobɛkenkan Elder Mark A. Bragg nkrasɛm “Christlike Poise” sɛ w’adesua no fa (Liahona, Kɔtɔnima 2023, 60–63). Sɛn na Dawid, Abigail, ne afoforɔ kyerɛɛ ahobrɛase a ɛte sɛ Kristo—anaa wɔantumi ankyerɛ—wɔ ti ahodoɔ yi mu? Akwanya ahodoɔ bɛn na wowɔ a wode bɛkyerɛ Kristosu akokoɔduro?
Sister Kristen Yee nkrasɛm “Beauty for Ashes: The Healing Path of Forgiveness” (Liahona, Obubuo 2022, 36–39) bɛtumi aboa ma woasua 1 Samuel 25. Sɛn na Abigail te sɛ Yesu Kristo?
2 Samuel 5:17–25
Awurade bɛtumi ama me akwankyerɛ.
Dawid dii Goliat so nkonim akyi mpo no, ɔhaw a ɔne Filistifoɔ no wɔ no amma awieeɛ. Berɛ a wokenkan 2 Samuel 5:17–25, dwene sɛdeɛ Dawid nhwɛsoɔ no bɛtumi aboa wo wɔ ɔhaw ahodoɔ a wohyia no mu (san hwɛ 1 Samuel 23:2, 10–11; 30:8; 2 Samuel 2:1). Sɛn na wɔrehyira wo berɛ a wodi adiyisɛm a wonya so?
2 Samuel 7
Deɛn ne “efie” a Awurade de hyɛɛ Dawid bɔ no?
Berɛ a Dawid kaa sɛ ɔbɛsi fie, a ɛkyerɛ tɛmpol, ama Awurade no (hwɛ 2 Samuel 7:1–3), Awurade buaa sɛ Dawid ba na ɔbɛsi (hwɛ nkyekyɛmu 12–15; san hwɛ 1 Berɛsosɛm 17:1–15). Awurade san kaa sɛ Ɔno nso bɛsi “fie” ama Dawid, a ɛkyerɛ asefoɔ, na n’ahennie bɛtena hɔ afebɔɔ (hwɛ 2 Samuel 7:11, 16, 25–29; Nnwom 89:3–4, 35–37). Saa bɔhyɛ yi baa mu wɔ Yesu Kristo, yɛn Daa Hene, a na ɔyɛ Dawid aseni no mu (hwɛ Mateo 1:1; Luka 1:32–33; Yohane 18:33–37).
Sɛ wopɛ bebree a, hwɛ bosome yi Liahona ne De ma Mmabunu Ahoɔden nsɛmma nwoma mu.
Nkwadaa Adekyerɛ ho Adwenkyerɛ
1 Samuel 17:20–54
Yesu Kristo mu gyidie bɛtumi aboa me ma manya akokoɔduro.
-
Ebia wobɛpɛ sɛ wobɛfa “David and Goliath” wɔ Apam Dada mu Abasɛm, 112–16, de aboa wo nkwadaa ma wɔhunu deɛ ɛsiiɛ wɔ 1 Samuel 17:20–54. Afei wobɛtumi ama wɔde mfonin anaa nsensaneeɛ a ɛwɔ nhyehyɛeɛ yi mu no asan aka abasɛm no. Bisa wɔn deɛ wɔdwene sɛ Awurade pɛ sɛ wɔsua firi saa abasɛm yi mu.
2:36David and Goliath
-
Wo ne wo nkwadaa bɛtumi nso atwerɛ ɔhaw ahodoɔ a ɛyɛ den bi a wɔbɛtumi ahyia wɔ wɔn abrabɔ mu. Afei boa ma wɔnhunu nneɛma a Dawid kaeɛ a ɛbɛtumi aboa wɔ ɔhaw ahodoɔ yi mu (hwɛ 1 Samuel 17:26, 32, 34–37, 45–47). Ka sɛdeɛ Yesu Kristo aboa wo wɔ ɔhaw ahodoɔ mmerɛ mu.
-
Wo nkwadaa bɛtumi ato santene te sɛ deɛ wɔyɛ Dawid a wɔne Goliat rekɔko berɛ a wɔreto akokoɔduro ho dwom bi, te sɛ “I Will Be Valiant” (Nkwadaa Nnwomnwoma, 162).
1 Samuel 18:1–4
Nnamfo pa bɛtumi ayɛ nhyira a ɛfiri Onyankopɔn hɔ.
-
Sɛn na wobɛboa wo nkwadaa ma wɔasua Yonatan ne Dawid ayɔnkoa no? Ɛkwan baako ne sɛ wobɛma abɔfra biara krataa so akoma mmienu, baako agyina hɔ ama Dawid na baako nso agyina hɔ ama Yonatan. Afei mommom nkenkan kasasin ahodoɔ kakra bi mfiri 1 Samuel 18:1–4 a ɛsi ɔdɔ a na nnamfoɔ baanu yi wɔ ma wɔn ho wɔn ho no so dua. Afei wo nkwadaa bɛtumi atwerɛ anaa ayɛ sɛdeɛ wɔbɛtumi akyerɛ ɔdɔ ama adamfoɔ bi ho mfonin wɔ wɔn krataa so akoma no so.
2 Samuel 5:19, 23
Sɛ mehia akwankyerɛ a, mɛtumi abisa Ɔsoro Agya.
-
Wɔ ti ahodoɔ yi mu no, Dawid bɛyɛɛ Israel hene. Ɛbɛtumi ayɛ anika ama wo nkwadaa sɛ wɔbɛyɛ wɔn ho sɛ ɔhene anaa ɔhemmaa. Mmara bɛn na anka wɔbɛhyehyɛ? Ɛhe na anka wɔbɛkɔ akɔpɛ mmoa? Boa wo nkwadaa ma wɔnhunu sɛ berɛ a na Dawid hia mmoa no, “ɔbisaeɛ,” anaasɛ ɔbɔɔ mpaeɛ pɛɛ mmuaeɛ. Sɛ nhwɛsoɔ no, berɛ a mokenkan 2 Samuel 5:19, 23, no, ma wo nkwadaa ntie asɛmfua “bisaeɛ” na sɛ wɔte a, wɔmmobɔ wɔn nsa. Adɛn nti na na Dawid bɛhia Awurade mmoa wɔ ne dwumadie foforɔ no mu?
-
Monka mmerɛ bi a mobɔɔ mpaeɛ pɛɛ Ɔsoro Agya mmoa nkyerɛ mo ho mo ho. Nsakraeɛ bɛn na ɛbaeɛ berɛ a Ɔboaa wo?
2 Samuel 7:16–17
Yesu Kristo yɛ me Daa Hene.
-
Na ahemfo a yɛkenkan wɔn ho nsɛm wɔ Apam Dada mu no nyinaa wɔ sintɔ ahodoɔ, na wɔn nyinaa ahennie baa awieeɛ. Nanso Yesu Kristo yɛ Ɔhene a ɔwie pɛyɛ na ɔbɛdi hene afebɔɔ. Wobɛtumi aboa wo nkwadaa ma wɔahunu yei berɛ a mobom kenkan deɛ nkɔnhyɛni Natan ka kyerɛɛ Ɔhene Dawid wɔ 2 Samuel 7:16–17. Sɛn na anka Dawid ahennie no remma awieeɛ? Boa wo nkwadaa ma wɔnhunu na wɔnkenkan twerɛnsɛm nkyekyɛmu a ɛkyerɛkyerɛ sɛ Yesu Kristo, Dawid aseni, yɛ yɛn Hene, te sɛ Luka 1:32–33; Yohane 18:33–37; ne Adiyisɛm 19:16. Sɛn na Yesu yɛ sononko firi asase so ahemfo ho? Sɛn na yɛhyɛ Yesu Kristo animuonyam sɛ yɛn Daa Hene?
Sɛ wopɛ bebree a, hwɛ bosome yi Adamfoɔ nsɛmma nwoma mu.