Atitenafoɔ a Wɔdi Kan no Nkransɛm, Ɔsannaa, 2017
Ɔkyidini abrabɔ
Mfie aduasa nie na suapɔn sukuuni bi a wɔfrɛ no Doe wɔ Ghana tuu ne nan sii LDS asɔre mu deɛ ɛdi kan. Doe adamfo na ɛtoo nsa frɛɛ no, na na Doe pɛ sɛ ɔhunu Sɛdeɛ asɔre no teɛ.
Asɔrefoɔ no gyee no ɔfɛw so ne anigyeɛ so na ɛmaa no dwene ho sɛ “Asɔre bɛn nie?”
Ɛyɛɛ Doe anisɔ na ɔsii agyina sɛ ɔbɛsua asɔre no ne ɛmu nipa a anigyeɛ ahyɛ wɔn ma no ho asɛm. Nanso berɛ a ɔhyɛɛ aseɛ pɛ na adɔfoɔ ne abusua nso hyɛɛ aseɛ sɛ wɔbɛsi no kwan. Wɔkaa nsɛmmɔne faa asɔre ne ho, yɛɛ deɛ wɔbɛtumi biara sɛdeɛ ɔbɛgyai.
Nanso na Doe anya adanseɛ.
Na ɔwɔ gyidie, na na ɔdɔ asɛmpa no a ɛde anigyeɛ rehyɛ n’abrabɔ mu ma. Na ɛno nti, ɔbɔɔ asu.
Ɛno akyi no, ɔde ne ho hyɛɛ adesua ne mpaebɔ mu. Ɔyɛɛ akɔnkyere na ɔhwihwɛɛ Honhom Konkron no nsunsuasoɔ wɔ n’abrabɔ mu. Wai maa Doe adanseɛ ne ne gyidie nyinii yie ankasa. Ɛberɛ mu no, ɔyɛɛ adwene sɛ ɔbɛkɔ asɛmpatrɛ adwuma ama Awurade.
Ɔfiri asɛmptrɛ baaɛ no, ɔwaree abranteɛ bi a na ɔno nso akɔ asɛmpatrɛ aba, deɛ ɔbɔɔ n’asu no—na wɔsɔɔ wɔn awareɛ no ano wɔ Johannesburg South Africa Tɛmpol.
Mfie pii atwam kɔ firi berɛ a Doe Kaku nyaa Yesu Kristo asɛmpa no mu anigyeɛ. Wɔ saa berɛ no, na ɛneɛma mu tumi yɛ den ma no. Wafa ɔyaw ne abɛbrɛsɛ pii mu, ɛbi ne sɛ wahwire mma mienu—saa awerɛhoɔ mu ɔyaw yi gu so wɔ n’akoma mu.
Nanso ɔne ne kunu, Anthony, de nkabom bɔɔ mmɔden twe bɛn wɔn Soro Agya dɔfoɔ a wɔde wcn akoma nyinaa dɔ no.
Ɛnɛ, mfie 30 nie a ɔbɔɔ asu, Onuabaa Kaku asan awie asɛmpatrɛ adwuma foforɔ--wei deɛ na ɔka ne kunu a ɔyɛ asɛmpatrɛ titenani ho wɔ Nigeria.
Wɔn a wɔnim Onuabaa Kaku ka sɛ ɔyɛ sononko. Ɔhyirɛnn. Ɛyɛ den sɛ wo ne no bɛhyia a wani nnye mmorosoɔ.
N’adanseɛ si pi: “Menim sɛ Agyenkwa no hunu me sɛ Ne babaa ne N’adamfo (Hwɛ Mosiah 5:7; Ether 3:14),” “Na merebɔ me ho mmɔden asua sɛ me nso mɛyɛ n’adamfo—ɛwɔ me kasa ne me suban mu.”
Yɛyɛ akyidifoɔ
Onuabaa Kaku ho asɛm yi te sɛ yɛmmu pii deɛ. Ɔnyaa ɔpɛ sɛ ɔbɛhunu nokorɛ no, ɔtua ho ka nyaa honhom mu hann, ɔdaa ɔdɔ adi kyerɛɛ Nyankopɔn ne nnipa, na ɔnam saa kwan yi so nyaa ahokyere ne awerɛhoɔ mu suahunu.
Nanso ɛmfa ho ne akwansideɛ ne awerɛhoɔ a ɛbaa ne so, ɔko kɔɔ n’anim wɔ gyidie mu. Na ahiadeɛ a ɔsɔɔ mu Yie ne n’anigyeɛ. Ɔtumi gyinaa pintin wɔ abrabɔ amanehunu mu na ɔdii so nkonim!
Nasɛm yi te sɛ me ne wo deɛ no.
Yɛn nyinaa taai kɔ nsɔhwɛ mu wɔ yɛakwantuo yi mu.
Yɛn nyinaa wɔ ɔhaw, awerɛhoɔ,hwiammɔdie ne amanehunu.
Ɛtɔ da a yɛaba mu bu na ɛfa yɛn nomum.
Nanso wɔn a wɔbɔ ɔkyidini abrabɔ—na wɔgyina de gyidie kɔ wɔn anim; na wɔde wɔn werɛ hyɛ Nyankopɔn mu na wɔdi Ne mmransɛm so;1 na wɔde asɛmpa no yɛ adwuma da biara wɔ dɔnhwire biara mu; na wɔde Kristosu som afoforɔ nkakrankakra—na wɔnam nneyɔi nketewa so da nso wɔ kwan akeseɛ so.
Wɔn a wɔwɔ ayemyɛ, wɔde bɔne kyɛ, na wɔwɔ ahumɔbrɔ nsa no na wɔbɛhunu wɔn mmɔbɔ.2 Wɔn a wɔma wiase yi yɛ beaɛ papa, wɔdane ɔdɔ adi na wɔbɔ mmɔden sɛ wɔn abrabɔ bɛyɛ nhyira, anisɔ ne asomdwoeɛ abrabɔ sɛ Yesu Kristo akyidini no bɛnya anigyeɛ.
Wɔbɛhunu sɛ “Onyankopɔn dɔ a ɛtrɛ wɔ nnipa mma akoma mu no… ɛyɛ ade pa kyɛn adeɛ nyina ara … na ɛyɛ deɛ ɛma ɔkra anigyeɛ mmorosoɔ.”3
© 2017 by Intellectual Reserve, Inc. All rights reserved. Wɔtintim no wɔ USA Borɔfo Kasa ho Kwan-ma: 6/17. Nkyerɛaseɛ ho kwan-ma: 6/17. Atitenafoɔ a First Presidency Message, August 2017. Twi 97928 503