Nsrahwɛ Nkyerɛkyerɛ Nsɛm, Ɔsanaa 2017
Sɛyɛbɛbɔ te-ho-ma abrabɔ
Fa mpaebɔ sua saa nsɛm yi na pere hwehwɛ deɛ wobɛka ho asɛm Kwan bɛn so na sɛ yɛte Mmaa Kuo botaeɛ aseɛ a, ɛbɛboa ama Onyankopɔn mma mmaa anya daa nkwa ho nhyira?
Gyedie, Abusua, Ɔgyeɛ
“Te-ho- ma yɛ sɛ yɛbɛte biribi ho ma no ayɛ ade kronkron, na yɛde yɛ deɛ ɛho teɛ nkoa,” Ɛlda D. todd Christofferson a ɔka Asomafoɔ Dumienu Kuo ho na ɔkaaɛ. “Ɔbra mu nkunimdie ba wɔ berɛ a yɛate yɛn ho ama—yɛn mmerɛ ne ɔpɛ--de ama Nyankopɔn adwuma.”1
Ɛlda Neal A. Maxwell (1926- 2004) a Ɔka Asomafoɔ Dumienu Kuo aka sɛ, “Ɛyɛ a na yɛdwene sɛ te-ho-ma yɛ sɛ yɛde yɛn ahonyadeɛ bɛbɔ afɔreɛ. Nanso te-ho-ma mponponsoɔ ne sɛ yɛde yɛn ho nyinaa bɛ ma Nyankopɔn.”2
Sɛ yɛte yɛn abrabɔ ho ma Nyankopɔn adwuma a,yɛn gyidie wɔ Yesu Kristo ne Ne Mpata mu no bɛnyini. Sɛ yɛbɔ te-ho-ma abrabɔ a, ɛbɛtumi ama yɛayɛ kronkron.
Carole M. Stephens, Fotufoɔ a Ɔdikan wɔ Mmaa Kuo Atitenafoɔ, aka sɛ: “Ɛlda Robert D. Hales kyerɛɛ sɛ, ‘Sɛ yɛyɛ apam na yɛdi so a, ɛyi yɛn firi wiase de yɛn kɔ Onyankopɔn ahemman mu.’
“Wasesa yɛn. Yɛda nso na yɛn suban yɛ sononko. Nsonsonoiɛ da nneɛma a yɛtie, yɛkenkan, yɛka, ne deɛ yɛhyɛ mu esiane sɛ yɛabɛyɛ Onyankopɔn mma mmaa wɔ apam mu.”3
Te-ho-ma yɛ apam a Nyankopɔn ne “Israel fie bɛpam nna no akyi, Awurade asɛm nie, mede me mmara bɛhyɛ wɔn yam, na matwerɛ no wɔn akoma mu, na mayɛ wɔn Nyankopɔn, na wɔn nso ayɛ me ɔman. (Yeremia 31:33) Te-ho-ma abrabɔ ne Nyankopɔn nhyihyɛɛ a Ɔwɔ ma yɛn no wɔ twa ka.
Twerɛsɛm Afoforɔ
1 Tesalonika 1:3; Apam ne Nkyerɛkyerɛ 105:5;
© 2017 by Intellectual Reserve, Inc. All rights reserved. Wɔtintim no wɔ USA Borɔfo Kasa ho Kwan-ma: 6/17. Nkyerɛaseɛ ho kwan-ma: 6/17. Nsrahwɛ Visiting Teaching Message, August 2017. Twi 97928 503