2017
Kristo akyidini anigyeɛ
August 2017


Mmabunu

Kristo akyidini anigyeɛ

Da bi ankɔ yie amma wo? Deɛn na wo yɛ de kyekyee wo werɛ? Titenani Uchtdorf nim sɛ “Yɛn nyinaa wɔ ɔhaw, awerɛhoɔ,hwiammɔdie ne amanehunu. Ɛtɔ da a yɛaba mu bu na ɛfa yɛn nomum.”

N’akwankyerɛ ne sɛ yɛbɛbɔ bra a ɔfrɛ no “ɔkyidini abrabɔ”: “yɛbɛgyina pintinn na yɛako akɔ yɛanim wɔ gyidie mu.” Sɛ yɛde gyidie kɔ yɛanim a, ɛma yɛtumi de yɛn werɛ hyɛ Nyankopɔn mu, di Ne mmransɛm so, na yɛsom afoforɔ—na yɛnya anigyeɛ wɔ saa yɔ mu! Sɛdeɛ Titenani Uchtdorf kaaɛ no, “Wɔn a wɔbɔ ɔkyidini abrabɔ … yɛ wɔn a wɔnam nneyɔi nketewa so da nso wɔ kwan keseɛ so.

Susu ho sɛ wobɛtwerɛ nneɛma a ɛbɛma wabɔ ɔkyidini abrabɔ. Yɛmfa no sɛ, wobɛtumi atwerɛ ɔsom ho nimdeɛ bi ato hɔ sɛ “Wobɛboa wawofoɔ ma no anoa aduane” anaa ɔsetie ho nimdeɛ bi te sɛ “Wobɛbɔ mpaeɛ sɛdeɛ wobɛnya wo nuanom ho abotrɛ.” Berɛ biara a wobɛkɔ ateetee mu no, twe wo krataa no, fa nimdeɛ no mu baako, na sɔ hwɛ!