Atitenafoɔ a Wɔdi Kan no Nkransɛm, Kitawonsa 2017
Sɛ yɛbɛgyina yie so nhyira
Berɛ a na meyɛ abranteɛ no, na me som wɔ asɔre no mu sɛ fotufoɔ ma ‘district’ titenani nyansani bi. Na ɔbɔ mmɔden sɛ ɔbɛkyerɛ me adeɛ berɛ biara. Mekai afotuo a ɔde maa me: “sɛ wohyia obi a, nya ne ho berɛ te sɛ deɛ ɔwɔ ɔhaw kɛseɛ bi mu, na mpɛn pii no wobɛhunu sɛ na ɛyɛ.” Na medwene sɛ oni nsusuiɛ papa. Mfie bɛboro aduonum akyi, afei na mahunu sɛ na ɔte abrabɔ ne wiase aseɛ yie.
Yɛn nyinaa kɔ ɔhaw mu–ɛtɔ da a, na ɛmu ɛɛden yie. Yɛnim sɛ Awurade no ma ho kwan ma yɛkɔ nsɔhwɛ mu sɛdeɛ yɛbɛpɔ na yɛadi mu ma yɛatumi atena Ne nkyɛn afe bɔɔ.
Awurade kyerɛɛ Nkɔmhyɛni Joseph Smith wɔ Liberty Ɛfiease sɛ sɛ ɔgyina ne nsɔhwɛ ano yie a, ɛho akatua bɛboa no ma wafata daa nkwa:
“Me ba, asomdoeɛ nka wokra; wo haw ne w’amane no ɛnkyɛ koraa;
Na sɛ wogyina ano yie a, Onyankopɔn bɛpegya wo wɔ soro; na wobɛdi w’atamfo nyinaa so nkonim” (D&C 121:7–8).
Ɔhaw pii na ɛba yɛn so wɔ abrabɔ mu a, ɛyɛ den ma yɛn sɛ yɛbɛgyina ano yie. Ɛbɛtumi aba saa ama abusua a kua nkoa na wɔyɛ sɛ nsuo antɔ a. Wobɛtumi abisa sɛ, “yɛn ntwɛn nkɔsi da bɛn?” Ɛbɛtumi ayɛ saa ama ɔbabunu bi a ɔmpɛ sɛ ɔbɛkɔ akyerɛ bɔne nsɔhwɛ mu. Ɛbɛtumi ayɛ saa ama abranteɛ a ɔɔbrɛ sɛ ɔbɛnya adesua ana nteteiɛ a ɛbɛma no anya adwuma a ɔbɛyɛ de ahwɛ ne yere ne abusua. Ɛbɛtumi ayɛ saa ama obi a oni adwuma yɛ na w’apɛ bi saa nso onnya. Ɛbɛtumi ayɛ saa ama wɔn a yareɛ ne apommumerɛ aba wɔn so ana wɔn adɔfo bi so wɔ abrabɔ mfiaseɛ mu ana awieɛ mu.
Nanso Nyankopɔn dɔfoɔ no mma yɛn nkɔ nsɔhwɛ mu kɛkɛ, na mmom Ɔde hwɛ sɛ yɛbɛtumi agyina ano yie na ama yɛapɔ.
Berɛ a wɔfrɛɛ Ɛlda Parley P. Pratt (1807-57) foforɔ sɛ Osuani no, Atittenafoɔ a Wɔdikan no kyerɛɛ no sɛ: “Wadɔm kuo a ɛhia w’adwene nyinaa;… ɛwɔ sɛ wo pɔ. Ɛwɔ sɛ wofa ɔhaw, yaw, adwuma den ne deɛ ɛka ho mu ma w’apɔ yie. … Wo Soro Agya hia; asaase no yɛ Ne dea; adwuma no yɛ Ne dea … na Ɔbɛkyekyere wo … werɛ na w’asɔ wo mu.”1
Wɔ Hebrifoɔ nwoma mu no, Paul kasa fa mfasoɔ a ɛwɔ sɛyɛbɛgyina yie so: “na asotwe biara, seesei deɛ, ɛnyɛ yɛn sɛ anigyedeɛ, na mmom awerɛhodeɛ, nanso akyire yi no, ɛso asomdwoeɛ aba a ɛyɛ tenenee ma wɔn a wɔnam so asɔ wɔn ahwɛ no” (Hebrews 12:11).
Nsɔhwɛ ne ɔhaw ma yɛn akwanya ma yɛnyini nya suahunu na ɛtumi mpo sesa yɛn tebea. Sɛ yɛbɛtumi ahwɛ Agyenkwa no wɔ nsɔhwɛ mu a, Ɔbɛte yɛn kra ho aberɛ a yɛregyina yie.
Ɛno nti, deɛ ɛdikan a monkai ne sɛ bɔ mpaeiɛ aberɛ nyinaa (Hwɛ D&C 10:5; Alma 34:19–29).
Deɛ ɛtɔ so mienu ne sɛ bɔ mmɔden di mmransɛm no so—mfa ho ne nsɔhwɛ, ɔhaw ana ɔyaw a ɛwɔ yɛn so (Hwɛ Mosiah 4:30).
deɛ ɛtɔso mieɛnsa a ɛhia ne sɛ yɛbɛsom Awurade (hwɛ D&C 4:2; 20:31).
Wɔ Owura ne som mu no, yɛbɛhu No na yɛdɔ No. Sɛyɛkɔ so wɔ ɔsom pa ne mpaebɔ mu a, yɛbɛhyɛ aseɛ ahunu Agyenkwa no nsa ne Honhom Kronkron nsunsuansoɔ wɔ yɛabrabɔ mu. Yɛmmu pii a yɛasom pɛn no anya saa suahunu yi sɛ ɔka wɔn ho. Sɛ wo de w’adwene kɔ saa berɛ no a, wobɛhunu sɛ na nsakraiɛ bi akɔ so wɔ wo mu. Bɔne ho nsɔhwɛ kɔɔ fam. Ɔpɛpa sɛ wobɛyɛ papa kɔɔ soro. Wɔn a wɔnim wo na wɔdɔ wo no kaa sɛ: “woanya ntoboaseɛ na wotirim ayɛ mmrɛ. Asɛ wayɛ nipa foforɔ.”
Na wasesa. Ɛnam Yesu Kristo Mpata no so na wo sesasaaɛ esiane sɛ wode wo ho too Ne so wɔ nsɔhwɛ berɛ mu.
Mehyɛ wo bɔ sɛ Awurade bɛyɔ wo mmoa wɔ nsɔhwɛ berɛ mu sɛ wo hwihwɛ no na wo som no a, na wɔ saa yɔ mu no, wo kra ho bɛte. Megye wo kyim sɛ fa wo werɛ hyɛ ne mu wɔ wo haw nyinaa mu.
Menim sɛ Onyankopɔn Agya no tease na Ɔte yɛn mpaebɔ na Ɔyi ne nyinaa ano. Menim sɛ Ne Ba, Yesu Kristo, atua yɛn bɔne nyinaa ho ka na Ɔpɛ sɛ yɛn nyinaa ba Ne nkyɛn. Menim sɛ Agya no ne Ɔba no hwɛ yɛn nyinaa so na wɔn asiesie kwan a yɛbɛfa so agyina yie na yɛasan akɔ yɛn soro fie bio.
© 2017 by Intellectual Reserve, Inc. All rights reserved. Wɔtintim wɔ USA. Brɔfo ho kwan ma: 6/17 Nkyerɛaseɛ ho kwan-ma: 6/17. Kasafoforɔ atwerɛ a ɛfa First Presidency Message, July 2017. Twi. 97927 503