2017
Sɛdeɛ wɔn bɛyɛ baako
July 2017


Nsrahwɛ Nkyerɛkyerɛ Nsɛm, Kitawonsa 2017

Sɛdeɛ wɔn bɛyɛ baako

Fa mpaebɔ sua saa nsɛm yi na pere hwehwɛ deɛ wobɛka ho asɛm Kwan bɛn so na sɛ yɛte Mmaa Kuo botaeɛ aseɛ a, ɛbɛboa ama Onyankopɔn mma mmaa anya daa nkwa ho nhyira?

Relief Society seal

Gyedie, Abusua, Ɔgyeɛ

“Yesu brɛɛ ne ho ase honhom ne honam fa mu hyɛɛ Agya no ase maa wɔtumi wiee pɛyɔ wɔ nkabom mu,” Ɛlda D. Todd Christofferson a ɔka Asomafoɔ Dumienu Kuo no ho na ɔkaaiɛ.

“… ampa yɛnntumi ne Onyankopɔn ne Kristo nyɛ baako gye sɛ yɛma Wɔn apɛde yɛ yɛahiasɛm. Saa ahobraseɛ yi nyɛ dakro adwuma, nanso ɛnam Honhom Kronkron no so, Awurade no bɛkyerɛ yɛn sɛ yɛma yɛn ho kwan a, kɔsi sɛ, wɔ berɛ mu no yɛbɛka sɛ Ɔte yɛn mu sɛdeɛ Agya no te Ne mu.”1

Linda K. Burton, Amansan Mmaa Kuo Titenani, akyerɛ kwan a yɛbɛfa so anya saa nkabom yi: “Sɛ yɛbɛyɛ apam na yɛadi so kyerɛ ahofama ne ɔpɛpa a yɛwɔ sɛ yɛbɛyɛ te sɛ Agyenkwa no. Deɛ ɛyɛ a ɛwɔ sɛ yɛyɛ ne sɛ yɛbɛbɔ mmɔden apre suban a ɛdwom a yɛpɛ no ka ho asɛm: ‘Mɛkɔ baabia wo pɛ sɛ mekɔ. … Mɛka deɛ wo pɛ sɛ me ka. … Mɛyɛ deɛ wo pɛ sɛ me yɛ.’”2

Sɛ yɛbɔ mmɔden daa ne daa, ne nnawɔtwe ne nnawɔtwe biara di Kristo anammɔn so a, yɛn honhom nya ne dibea, ntɔkwa a ɛkɔ so wɔ yɛn mu no brɛ ase, na nsɔhwɛ gyae yɛn haw.”3

Neill F. Marriot, Fotufoɔ a Ɔtɔso Mienu wɔ Amansan Mmaayewa Atitenafoɔ mu, di adanseɛ fa nhyira a ɛwɔ ho sɛ yɛde yɛapɛdeɛ bɛhyɛ Nyankopɔn deɛ mu: “Mayere me ho atwa mehonam apɛdeɛ asu ɛnam mahunu sɛ makwan yɛ tia na ɛnyɛ papa te sɛ Yesu Kristo kwan no. ‘[Yɛn Soro Agya no] kwan ne deɛ ɛde yɛn kɔ anigyeɛ mu wɔ asaase yi so ne daa nkwa wɔ wiase foforɔ a ɛbɛba no mu.’”4 Momma yɛmmɔ mmɔden ahobraseɛ mu sɛ yɛne yɛn Soro Agya ne NeBa Yesu Kristo bɛyɛ baako.

Twerɛnsɛm ne Nkratoɔ Nkekaho

John 17:20–21; Ephesians 4:13; Apam ne Nkyerɛnkyerɛ 38:27; reliefsociety.lds.org

Atwerɛ

  1. D. Todd Christofferson, “Sɛdeɛ Wɔbɛyɛ Korɔ Wɔ Yɛn Mu,” Liahona, Obubuo 2002, 73.

  2. Linda K. Burton, “Tumi, Anigyeɛ, ne Ɔdɔ a Ɛfiri Apam Koraeɛ mu ba,” Liahona, Obubuo 2013, 111.

  3. D. Todd Christofferson, “Sɛdeɛ Wɔbɛyɛ Korɔ Wɔ Yɛn Mu,” Liahona, Obubuo 2002, 71.

  4. Neill F. Marriott, “Yɛde yɛakoma rema Onyankopɔn,” Liahona, Nov. 2015, 32.