2017
Berɛ a m’adamfo wuiɛ
July 2017


Mmabunu

Berɛ a m’adamfo wuiɛ

Ɔtwerɛfoɔ no te Utah, USA

Berɛ a na me wɔ ntoasoɔ sukuu no, m’adamfo nyaa adwene mu yareɛ ma ne wuui da a ɛdi so no. Ɛwɔm sɛ na meyɛ Asɔreba nanso mebrɛɛ. Na yakyerɛ me firi mmofraseɛ sɛ metumi akɔ Soro Agya no ne Agyenkwa no anim wɔ biribia ho, nanso na menkɔɔ tebea a ɛte sɛ wei mu da.

Mesuui dɔnhwire pii, na merehwihwɛ briribi—biribia—a ɛbama me asomdwoeɛ. Owuuiɛ no anwumerɛ no, mefaa nnwomtoɔ nwoma no. Mebiebie mu kɔduruu “Ɛne me ntena; Adeɛ Asa” (nnwom, no. 165). Gyinapɛn a ɛtɔ so mieɛnsa no kaa me:

Ɛne Me Ntena; Adeɛ Asa

Na anadwo yi bɛyɛ ankonam

Sɛ mentumi ne wo nkasa a,

Anaa mannya hann wɔ wo mu a.

Ɛwiase sum no, mesuro,

Tena mefie.

O Agyenkwa, Ɛne me ntena anadwo yi;

Hwɛ, adeɛ asa.

Saa gyinapɛn yi de asomdwoeɛ hyɛɛ me ma. Mehunuu sɛ Agyenkwa no bɛtumi ne me atena saa anadwo no na na Ɔnim m’atenka yie. Menim sɛ ɔdɔ a metee nka ɛnam dwom no amfa me antwa anadwo no kɛkɛ na mmom, ɛde me atwa nsɔhwɛ pii mu.