2017
Setie ma apam no mu na asɔfodie tumi wɔ
June 2017


Nsrahwɛ Nkyerɛkyerɛ Nsɛm, Ayɛwohomumɔ 2017

Setie ma apam no mu na asɔfodie tumi wɔ

Fa mpaebɔ sua saa nsɛm yi hwehwɛ sɛ wobɛhu deɛ wobɛkyɛ. Sɛn na yɛn nteaseɛ wɔ Mmaa Kuo botaeɛ ho no siesie Onyankopɔn mma mmaa ma wonya daa nkwa?

Relief Society seal

Gyedie, Abusua, Ɔgyeɛ

“me nkransɛm a me wɔ ma obiara ne sɛ …yɛbɛtumi anya nhyira dɔnhwire biara wɔ asɔfodie tumi ahoɔden mu.’ ɛmfaho ne tebea a yɛwɔ mu,” Ɛlda Neil L. Andersen a ɔka Asomafoɔ Dumienu no ho na ɔkaaɛ.

“… berɛ a wo de wo ho rehyɛ asɔfodie ayɛdeɛ mu no Awurade bɛhyira wo ne ahoɔden, asomdweoɛ ne daapem anisoadehunu. Sɛdeɛ wotebea teɛ biara no, asɔfodie tumi no bɛhyira wo fie.’”1

Kwan bɛn so na yɛfrɛ asɔfodie tumi no wɔ yɛn abrabɔ mu? Ɛlda M. Russell Ballard a ɔka Asomafoɔ Dumienu ho no kai yɛn sɛ “wɔn a wɔabɔ asu na wɔatoaso akɔ Awurade fie akɔyɛ ayɛyɛdeɛ a ɛfata no bɛnya nhyira nwanwasoɔ. Akyɛdeɛ kronkron no, kyerɛ sɛ tumi akyɛdeɛ a yɛn Soro Agya no de dom yɛn.” Ɔkai yɛn sɛ mmaa ne mmarima nyinaa nya akyɛdeɛ kronkron mu tumi krɔ noa wɔ Tɛmpol,” a sɛ yɛkyerɛ mu a ɛyɛ asɔfodie tumi.”2

Linda K. Burton , Amansan Mmaakuo titenani, aka sɛ ɛnam sɛ asɔfodie tumi no yɛ adeɛ a yɛn nyinaa hia wɔ yɛn abusua ne yɛn fie mu eti, ɛdɛn na yɛbɛyɛ ama saa tumi aba yɛabrabɔ mu? Tenenee abrabɔ na ɛde asɔfodie tumi mu ahoɔden ba.”3

“Sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase wɔ mpaeɛbɔ mu bisa Awurade sɛ Ɔnkyerɛ yɛn adeɛ a, Ɔbɛkyerɛ yɛn kwan a yɛbɛnyini tumi mu,” Titenani Russell M. Nelson , Asomafoɔ Dumienu no Titenani.4

Twerɛnsɛm ne Nkratoɔ Nkekaho

1 Nifae 14:14; Nkyerɛkyerɛ ne Apam 121:36; 132:20; reliefsociety.lds.org

Atwerɛ

  1. Neil L. Andersen, “Tumi wɔ Asɔfodie no mu,” Liahona, Oforisuo. 2013, 92, 95.

  2. M. Russell Ballard, “Mmarima ne Mmaa a wɔwɔ Awurade Adwuma mu,” Liahona Sept. 2014, 36.

  3. Linda K. Burton, “Priesthood Power—Available to All,” Ensign, June 2014, 21

  4. Russell M. Nelson, “Nkwagyeɛ ne Mmasoɔ,” Liahona, Kɔtɔnimma 2016, 69.