Mmabunu
Asɛmpatrɛni a ɔnni abɔdin
Me wɔ kyerɛkyerɛni bi wɔ sukuu a sɛ wo hunu no a, wobɛbɔ hu na ɛbɛyɛ wo sɛ ɔkasa fa biribi ho a, obi ntumi nka bi. Dakrobi yɛkasa faa Nna Ɛdi Akyire Ahoteɛfoɔ Asɛmpatrɛfoɔ ho. Na menim sɛ mɛtumi ayi ne nsɛmmisa ano nanso me tee nka sɛ me nnyae. Nti mekaa deɛ na ɛho hia saa berɛ no pɛ.
Medwenee yɛn nkɔmɔ no ho nnawɔtwe a ɛdidi so no. Dakrobi, adwene bi baa metirim sɛ me mma no Mormon Nwoma no na menhyɛ mmeaɛ a ɛkasa fa asɛmpatrɛ adwuma ho nso mma no. Mebɔɔ hu nanso meyɔɔɛ. Na menim sɛ ɛwɔ sɛ metu saa anamɔn no.
Mormon Nwoma no yɛɛ krado wɔ bosome mmienu akyi. Da mu no nyinaa menyaa atinka sɛ nwoma no rehye wɔ mekotokuo mu. Sima mmieɛnsa mu a mede nwoma no maa no ansa na merekɔ akwamma no yɛ sima mmieɛnsa a ɛɛhu paa wɔ m’abrabɔ mu.
Da a ɛdikan a yɛbie sukuu no, metwaam wɔ ne gyinapɛn anim nanso na mesuro sɛ mɛkɔ hɔ. Metee sɛ ɔɔfrɛ me, na ɔmaa me krataa sin bi. Mekan wɔ abranaa no so. Na watwerɛ sɛ wasua nwoma no baabi a me hyɛɛ no nso no na wahyɛ aseɛ ɛɛte megyidie no aseɛ.
ɛyɛ me anika sɛ me ne afoforɔ bɛkyɛ asɛmpa no, na ɛyɛ me anigyeɛ mmorosoɔ sɛ mɛsom meSoro Agya sɛ asɛmpatrɛni daakye.