2017
Wafrɛ wo adwuma no mu
June 2017


Atitenafoɔ a Wɔdi Kan no Nkransɛm, Ayɛwohomumɔ 2017.

Wafrɛ wo adwuma no mu

Otitenani Thomas S. Monson

Aberɛ a Nkɔmhyɛni Joseph Smith frɛɛ Ɛlda Heber C. Kimball (1801-68) sɛ “Ɔmmie nkwagyeɛ pono” sɛ asɛmpatrɛni wɔ England no, na ɛyɛ Ɛlda Kimball sɛ ɔntumi nyɛ.

Ɔtwerɛɛ sɛ, “O Awurade, meyɛ obi a mennim kasa na mensɛ mfata saa adwuma yi.”

Ɛlda Kimball gyee ɔfrɛ no too mu, na ɔka kaa ho sɛ: “saa nneɛma yi nom antwe me ansan wɔ m’asɛdeɛ ho; berɛ a metee m’Agya a ɔwɔ Soro apɛdeɛ aseɛ no, mesii agyinaɛ sɛ mɛko nko den afa ɔhaw nyinaa mu wɔ gyidie mu sɛ Ɔde Netumi bɛboa me wɔ deɛ me hia nyinaa mu.”1

Menuanom mmaa ne mmarima nkumaa a wafrɛ mo sɛ asɛmpatrɛfoɔ, wafrɛ mo adwuma no mu efiri sɛ, mo tesɛ Ɛlda Kimball, “mo wɔ ɔpɛpa sɛ mo bɛsom Nyankopɔn” (D&C 4:3) na efiri sɛ moate mo ho ayɛ krado.

Awarefoɔ mpanyinfoɔ, wafrɛ mo nso wɔ adwuma no mu wɔ botaeɛ korɔ noa ara. Mo mpo deɛ, ɛnyɛ ɔpɛpa nkoa na mo wɔ, mo san nso wɔ nyansa a mo anya wɔ atuhoakyɛ, ɔdɔ ne suahunu mu a mo Agya a Ɔwɔ Soro bɛtumi de aka Ne mma mmarima ne mmaa a wɔn hwehwɛ nokorɛ no akoma. Akyinnnyie biara nni ho sɛ moahunu sɛ yɛn ntumi nnɔ Awurade a yɛn nsom afoforɔ.

Mobɛnya gyidie, banbɔ, akokoduro, nketeesie, ne ahofama aka ɔpɛpa a mo wɔ sɛ asɛmpatrɛfoɔ. Asɛmpatrɛfoɔ a wɔn wɔ ahofama bɛtumi de nsɛnkyerɛni pii aba asɛmpatrɛ adwuma no mu.

Titenani John Taylor (1808-87) bɔɔ asɛmpatrɛfoɔ suban ho asɛm tɔfa sɛ: “mmarima (mmaa ne awarefoɔ) a yɛ hia sɛ wɔn bɔ asɛmpa no ho dawuro yɛ mmarima a wɔn wɔ gyidie wɔ Onyankopɔn mu, wɔn wɔ gyidie wɔ wɔn som mu, mmarima a wɔdi wɔn asɔfodie no ni; mmarima a Onyankopɔn gye wɔn di. Yɛpɛ mmarima a Onyankopɔn tumi ne Honhom Kronkron ahyɛ wɔn ma[,]… mmarima a wɔn anim yɛ nyam, na wɔn ho twa na wɔn ho teɛ.”2

Awurade aka sɛ:

“na hwɛ nnɔbae no abere dada sɛ yɛbɛtwa; na neɛ ɔde na hoɔden bɛhyɛ ne kantankrankyi mu no, hyihyɛ adamudeɛ a ɛnsɛe, na ɔhwehwɛ nkwagyeɛ ma ne kra;

“Na gyidie, anidasoɔ, ɔdɔ mapa ne ɔdɔ ne sɛ yɛde yani baako bɛhwehwɛ Onyankopɔn animuonyam na ɛma no kwanya sɛ ɔbɛyɛ adwuma no.” (D&C 4:4–5).

Wɔnam yikyerɛ so afrɛ wo Medi adanseɛ sɛ neɛ Onyankopɔn afrɛ no no, ɔte neho. Mobɛnya ɔsoro mmoa aberɛ a mode mpaeɛbɔ reyɛ adwuma wɔ Awurade bobitrom.

Bɔhyɛ dɛdɛɛdɛ a Awurade hyɛɛ adikanfoɔ asɛmpatrɛfoɔ wɔ yɛn berɛ yi mu wɔ Apam ne Nkyerɛkyerɛ no mu no bɛyɛ mo dea: “Mɛdi wanim kan. Mɛwɔ mo nsa nifa ne mo benkum so, na me Honhom bɛwɔ mo akoma mu, na m’abɔfoɔ bɛtwa mo ho ahyia, asɔ mo mu.” (D&C 84:88).

Berɛ a woresom no, wobɛnya daapem ayɔnkofoɔ a wo werɛ mfiri wɔn da. Mennim afuo a ɛso anigyeɛ aba kyɛn asɛmpatrɛ adwuma no.

Afei, mereka asɛm akyerɛ mmarima, mmaa ne awarefoɔ a biribi nti wɔn ntumi nwie wɔn adwuma: Awurade no dɔ mo. N’ani sɔ moafɔrebɔ Ɔnim sɛ yadi mo hwammɔ. Mo nhunu sɛ Ɔwɔ adwuma foforɔ ma mo. Ɛmma mo mma ɔbonsam nnaadaa mo. Ɛmma wabamu mmu; mpaaba; ɛnteetee.

Berɛ tiawa yi a wɔ frɛɛ me sɛ menni asɔre no anim yi no, mahunu wɔ amansan nhyiamu sɛ: “Ɛnsuro. Ma w’ani ngye. Wodaakye hyirɛn te sɛ wogyidie.”3 Bɔhyɛ no gu so wɔ hɔ ma wo. Ɛnti mɛnhwire wo gyidie, ɛfiri sɛ Awurade no nhwiree gyidie wɔ wo mu. Di w’apam so na kɔ w’anim.

Ɛwiase hia Yesu Kristo asɛmpa no. Awurade nhyira N’ahoteɛfoɔ—ɛmfa ho ne beaɛ a yɛsom—ne asɛmpatrɛ akoma.

Atwerɛ

  1. Heber C. Kimball, in Orson F. Whitney, Life of Heber C. Kimball,3rd ed. (1967), 104

  2. Asɔre no Atitenafoɔ nkyerɛkyerɛ: John Taylor (2001), 73].

  3. Thomas S. Monson, “Ma Wani Nnye” Ensign anaa Liahona, Kɔtɔnima 2009, 92.