2017
Ateneneefoɔ de Gyidie Bɛtenase.
April 2017


Atitenafoɔ a Wɔdi Kan no Nkransɛm, Oforisuo 2017

Ateneneefoɔ de Gyidie Bɛtenase

Ɔkyerɛni no ne Sɛmenayɛni no

Yuda abakɔsɛm bi wɔ hɔ a ɛfa sɛmenayɛni bi a ɔnnye Onyankopɔn nni Da kro bi na ɔne ɔkyerɛni bi nam, na ɔkaa sɛ, “mente adeɛ bi aseɛ. Mfeɛ mpempem nie a nyamesom ɛwɔ hɔ. Nanso bɔne, ɔyaw, atorɔ, awudie ne ɛkɔm ahyɛ asaase so ma. Akɔyɛ tesɛ nyamesom so nni mfasoɔ biara wɔ wiase yi mu. So mebisa sɛ, ɛso mfasoɔ ne sɛn?”

Ɔkyerɛni no anyi nano amono mu hɔ na ɔkɔɔ so ne sɛmenayɛni no nanteeɛ. Wɔkɔtoo mmofra bi a wɔredi agorɔ na wɔn ho ayɛ mfuturo.

Ɔkyerɛni no kaa sɛ, “mente adeɛ bi aseh,” hwɛ mmofra yi. Mfie mpempem nie a yɛnyaa samena, nanso mmofra no ho ayɛ finn. Samena so mfasoɔ ne sɛn?”

Sɛmenayɛni yii ano sɛ, “ɔkyerɛni, sɛ ɛnnyɛ ne kwan so sɛ wode mmofra no ho finn somboɔ bɛma sɛmena. Wode sɛmena yɛ adwuma a na ɛso ba mfasoɔ.”

Ɔkyerɛni no seree na ɔkaa sɛ, “Saa pɛpɛɛpɛ.”

Sɛn na ɛwɔ sɛ yɛtenase?

Osuani Paul kaa Apam Dadaa nkɔmhyɛni asɛm de bɔɔ asɛm yi tɔfa aberɛ a ɔtwerɛɛ sɛ, “Deɛ ɔtene firi gyidie mu no bɛnya nkwa” (Romans 1:17)

Saa asɛm kumaa wei ma yɛhunu nsonsonoi a ɛda nyamesom papa a ɛde nsakra ba abrabɔ mu ne deɛ ɛmfa mfasoɔ biara mma.

Nanso sɛ yɛbɛte aseɛ deɛ ɛkyerɛ sɛ yɛde gyidie bɛbɔ bra a, na ɛwɔ sɛ yɛte gyidie ase.

Gyidie nyɛ adwene nsusui bi kɛkɛ. Ɛyɛ ahotɔsoɔ kɛkeɛ wɔ Onyankopɔn mu a anammɔn ka ho.

Ɛkyɛn apɛdeɛ.

Ɛkyɛn sɛ yɛbɛte ada, abɔ yɛn ti nko, na yɛka sɛ yɛgye to mu. Sɛ yɛka sɛ “deɛ ɔtene firi gyidie mu no bɛnya nkwa firi gyidie mu no bɛnya nkwa,” kyerɛ sɛ gyidie mu na yɛnya banbɔ ne akwankyerɛ. Yɛtu gyidie anammɔn —ɛwɔ ɔdɔ kann a yɛwɔ ma Onyankopɔn ne nyansa a W’ada no adi akyerɛ Ne mma na ɛnnyɛ osetie hunu kɛkɛ.

Gyidie ne nnwuma na ɛnante; ɛnte saa na awu ( James 2:17). Ɛnnyɛ gyidie koraa. Ɛni tumi biara sɛ ɛbɛsesa onipa baako mpo, nanka asesa wiase nyinaa.

Agyidifoɔ mmarima ne mmaa wɔ ahotosoɔ wɔ Soro Agya mɔbrɔhununi no mu—mpo wɔ berɛ a ɛden mu, ɔhaw mu ne nsɔhwɛ a wɔn nteaseɛ mu.

Agyidifoɔ mmaa ne mmarima nante wɔ akyidifoɔ no anammɔn mu na wɔbɔmɔden sɛ wɔbɛdi yɛn Agyenkwa Yesu Kristo akyi. Gyidie hyɛ nkuran na ɛkenyan yɛn ma yɛbie yɛn akoma mu kyerɛ soro na yɛboa pegya, sanso yɛ nhyira ma afoforɔ.

Nyamesom a nnwuma nka ho te sɛ sɛmena a ɛhyɛ adaka mu. Ɛbia na ano yɛ nam paa, nanso sɛ yamfa anyɛ adwuma a ɛntumi mma yɛn mfasoɔ biara. Yesu Kristo asɛmpa a w’asan de aba no yɛ nnwuma asɛmpa. Yesu Kristo asɔre no kyerɛ nyamesom pa a gyidie, anidasoɔ, ɔdɔ ne sɛ yɛbɛboa afoforɔ wɔ honhom ne honam fa mu wɔ mu.

Bosome kakra ni a me ne meyere ne yɛn mma no bi tuu kwan kɔɔ Mediterranean beaɛ hɔ. Yɛkɔsraa wɔn a ntɔkwa asi wɔn nkurom so na ama wɔn adwane abɛbɔ wɔn ho adwaa wɔ hɔ. Na saa nnipa yi nka yɛn som yi ho nanso na wɔn hia mmoa ntɛmpaa. Ɛkaa yɛn akoma berɛ a yɛhunuu sɛ yɛn asɔre mma no di gyidie bɛyɛ wɔn mmoa, hyɛ wɔn nkuran a wɔn nhwɛ baabi a wɔn firi, ɛsom a wɔn dɔm anaa,sukuu a wɔn akɔ.

Gyidie a nnwuma ka ho berɛ biara no de ayemyɛ ba akoma mu, nyansa ne nteaseɛ ba adwene mu, ne ɔdɔ ne asomdwoeɛ ba ɔkra no mu.

Yɛn gyidie bɛtumi ayɛ nhyira ne nhwɛsoɔ pa ama afoforɔ ne yankasa mpo.

Yɛn gyidie bɛtumi de asomdwoeɛ ne nnepa ahyɛ wiase mu ma.

Yɛn gyidie bɛtumi asesa ɔtan aba ɔdɔ mu ne atamfoɔ ayɛ ayɔnkofoɔ.

Deɛ ɔtene bɛtenase wɔ gyidie mu; wɔde wɔn ho to Onyankopɔn so na wɔnante N’akwan so.

Na wei ne gyidie a ɛtumi sesa nipa, abusua, ɔman, ne wiase.