2017
yɛn nsom afoforɔ wɔ gyidie mu
April 2017


Mmabunu

yɛn nsom afoforɔ wɔ gyidie mu

Titenani Uɔhtdorf kyerɛ yɛn sɛ gyidie wɔ Onyankopɔn mu ne “ nnwuma na ɛkɔ.” Ɔkyerɛ mu sɛ “nnwuma ka wo gyidie ho” a, “ɛde asomdwoeɛ ne ɔdɔ ba wo kra mu”. Yɛbɛtumi ada nso ɛnam nhyira bɔhyɛ yi, sɛ yɛgye de gyidie som a, ɛbɛda adi wɔn yɛn abrabɔ mu. Wobɛtumi abɔ mpaeɛ anɔpa biara sɛ Awurade mmoa wo na som afoforɔ. Wobɛtumi abisa No sɛ Ɔnkyerɛ wo berɛ a wo nua bi anaa wo yɔnko bi hia mmoa anaa kasakyerɛ. Na afei, sɛ wo nya atinka no, tu so anammɔn! Sɛ wobɔ saa mpaeɛ yi na wo nya ɔsom su yi a, wo nnwuma bɛyɛ nhyira ama wo ne afoforɔ. Titenani Uɔhtdorf hyɛbɔ sɛ “wobɛtumi asesa nipa, abusua, ɔman, ne wiase mpo”