2017
Asɔfodie no ho Ntam ne Apam
April 2017


Nsrahwɛ Nkyerɛkyerɛ Nkransɛm, Oforisuo 2017

Asɔfodie no ho Ntam ne Apam

Fa mpaebɔ sua saa nsɛm yi na pere hwehwɛ deɛ wobɛka ho asɛm Kwan bɛn so na sɛ yɛte Mmaa Kuo botaeɛ aseɛ a, ɛbɛboa ama Onyankopɔn mma mmaa anya daa nkwa ho nhyira?

Relief Society seal

Gyedie, Abusua, Ɔgyeɛ

Mpɛn dodoɔ a yɛn mmaa bɛte aseɛ sɛ asɔfodie no ntam ne apam no kɔ ma yɛn no, ɛbɛma yɛanya asɔfodie no mu bɔhyɛ ne nhyira.

Wɔn a wɔne Awurade ayɛ kronkron apam na wɔdi saa apam no ni no bɛtumi anya wɔn ankasa adiyie, anya abɔfoɔ nhyira, ne Onyankopɔn adi nkutaho, anya asɛmpa no nyinaa, na, awieɛ no, wɔne Yesu Kristo ayɛ deɛ yɛn Agya wɔ nyinaa so adidefoɔ.”1

Asɔfodie no ho ntam ne apam no mu nhyira no wɔ hɔ ma mmarima ne mmaa. Onuabaa sheri L. Dew, akanee fotufoɔ wɔ Amansan Mmaa Mpanin Kuo kaa sɛ, “Asɔfodie no mayɛ mu wɔ ayɛdeɛ kɛseɛ a ɛwɔ Awurade Fie no, ɔbaa ne barima a wɔn aka abɔ mu na ɛbɛtumi agye.”2

Onuabaa Linda K. Burton, amansan Mmaa Mpanin Kuo Titenani aka sɛ, “meto nsa frɛ mo sɛ obiara nsua asɔfodie no atam ne apam a ɛwɔ Doɔtrine and Covenants 84:33–44. no nto ne tirim. Mehyɛ mo bɔ sɛ sɛ moyɛ saa a, Honhom Kronkron no bɛbie mo nteaseɛ mu wɔ asɔfodie no ntam ne apam no ho na ahyɛ wo nkuran wɔ akwan pii so.”3

Botaeɛ a Ɛoseph Smith de akwankyerɛ maa Mmaa Mpanin Kuo no ne sɛ “wɔn bɛtumi anya nhyira ne adom akyɛdeɛ a ɛwɔ asɔfodie tumi mu.” Ɛnam tɛmpol ayɛyɛdeɛ so na botaeɛ yi bɛtumi aba mu.

Tɛmpol ayɛyɛdeɛ no yɛ asɔfodie ayɛdeɛ, nanso ɛnyɛ ɛno na ɛhyɛ ɔbaa anaa barima bi sɔfoɔ. [Saa ayɛdes yi hyɛ] bɔhyɛ a Awurade de ahyɛ Ne mma sɛ ‘wɔbɛnya tumii afiri soro’ no ma.[D&C 38:32].”4

Twerɛnsɛm ne Nkratoɔ Nkekaho

Doctrine and Covenants 84:19–40; 121:45; reliefsociety.lds.org

Atwerɛ

  1. M. Russell Ballard, “Mmarima ne Mmaa a wɔwɔ Awurade Adwuma mu,” Liahona, Sept. 2014, 36.

  2. Elizabeth Ann Whitney, wɔ Daughters in My Kingdom mu: The History and Work of Relief Society (2011), 128.

  3. Linda K. Burton, “Priesthood Power—Available to All,” Ensign, June 2014, 39–40.

  4. Asɛmpa no atifinsɛm, “Ɛoseph Smith’s Teaɔhings about Priesthood, Temple, and Women,” topiɔs.lds.org.