2017
Terenee Yɛ Yɛn Akotaadeɛ
March 2017


Atitenafoɔ a Wɔdi Kan ne Nsrahwɛ Nkransɛm, ɔbɛnem 2017

Terenee Yɛ YɛnAkotaadeɛ

Onyankopɔn nkɔmhyɛni wɔ asaase so, Titenani Thomas S. Monson, aka sɛ, “Ɛnnɛ yɛabɔ sesɛ atia mfomsoɔ,bɔne, ne bonsam nnoɔma ahodoɔ a aboaboa wɔ yɛn anim.”1

Ɛbɛyɛ wo nwanwa sɛ wobɛhunu sɛ Otitenani Monson kaa saa nsɛm yi mfeɛ aduonum a atwam yi? Na sɛ yɛabɔ sesɛ atia atirimuɔden a ɛnsii da berɛ a atwam a, ɛnneɛ sɛn koraa na bonsam nnoɔma bɔ yɛn hu ɛnnɛ? Ne papa mu nti, Awurade aka wɔ yɛn apɛn so sɛ, “Hwɛ, atanfo no aka abom” (Nkyerɛkyerɛ ne Apam 38:12).

Ɔko a “yɛka ho no” hyɛɛ aseɛ ansa na2 wɔrewo yɛn aba asaase so. Ɛhyɛɛ aseɛ mpo ansa na wɔrebɔ wiase. ɛhyɛɛ aseɛ mfeɛ mpempem akyi wɔ honhom beaɛ, a Ɔbonsam tee atua na “ɔpɛɛ sɛ ɔbɛsɛe onipa pɛ” (Mose 4:3).

Ɔbonsam dii nkoguo wɔ ɔko no mu na “wɔpamoo no baa asaase so” (Adiyisɛm 12:9), a ɔretoa ne ko no so ɛnnɛ. Ɔbaa asaase yi so no “ɔko tia Onyankopɔn ahoteefoɔ, na wɔn ho baabiara a watwa ahyia no” (Nkyerɛkyerɛ ne Apam 76:29) ɔde ntorɔ, nnaadaa, ne nsɔhwɛ afa hɔ.

Otu nkɔmhyɛfoɔ ne asomafoɔ so sa. Ɔtu sa tia mmara a ɛtia mmaa ne mmarima nkitahodie bɔne ho ne awadeɛ ho teeɛ ho. Ɔko tia abusua ne tɛmpol no. Ɔko tia deɛ ɛyɛ papa, kronkron, na ɛho te.

Ɔkwan bɛn so na yɛbɛfa ako atia saa ɔtamfo yi? Ɔkwan bɛn so na yɛbɛko atia bɔne a asɛ ɛremene yɛn wiase yi? Deɛn ne yɛn akodeɛ? Hena ne yɛn dɔmmoafoɔ

Enos nya suahunu fa Mpata no tumi ho

Nkɔmhyɛni Ɛoseph Smith kyerɛɛ sɛ Ɔbonsam bɛnya tumi wɔ yɛn so akɔsi sɛdeɛ yɛma ne ho kwan pɛ.3

Na ɛbaa sɛ me, Nifae, mehunuu Onyankopɔn Adwammaa no tumi, sɛ asane aba Adwammaa no asɔremma a wɔyɛ ahoteɛfoɔ no so ne Awurade apam nkurɔfoɔ no a wapete wɔ asaase nyina ara ani so no; na na wɔde tenenee akodeɛ ne Onyankopɔn tumi wɔ animuonyam kɛseɛ mu.” (1 Nifae 14:14).

Ɔkwan bɛn so na yɛfa de tereneeyɛ ne tumi bɔ yɛn ho ban? Yɛdi homeda no kronkron na yɛde nnidie ma asɔfodie tumi no. Yɛ yɛ na yɛdi apam kronkron so, yɛ yɛn abusua abakɔsɛm ho adwuma, na yɛkɔ tɛmpol. yɛbɔ mmɔden aberɛ biara sɛ yɛbɛnu yɛn ho na yɛasrɛ Awurade sɛ “na ma Kristo mpata mogya no nyɛ adwuma ma yɛn nya bɔnefakyɛ” (Mosaya 4:2). Yɛbɔ mpaeɛ, som, di adanseɛ na yɛnya gyidie wɔ Yesu kristo mu.

Yɛsane de terenee ne tumi dura yɛn ho berɛ a “yɛma nkwa nsɛm no som bo wɔ [yɛn] adwene mu” (Nkyerɛkyerɛ ne Apam 84:85). Yɛma saa nsɛm no som yɛn bo berɛ a yɛde yɛn ho awura twerɛsɛm ne Awurade asomfoɔ a wayi wɔn, a wɔbɛkyɛ Ne pɛ, N’adwene, ne Ne nne no nsɛm mu (Hwɛ D&C 68:4) wɔ amansan nhyiamu a ɛbɛba so bosome a ɛbɛba mu.

Yɛreko atia bɔne a, ɛsɛ sɛ yɛkae berɛ biara sɛ yɛwɔ mmoa firi nkatanim no anim ne n’akyi. Yɛn aboafoɔ ne Daa Agya Nyankopɔn, Awurade Yesu Kristo, ne Honhom Kronkron.

Yɛn aboafoɔ no bi nso ne ɔsoro asraafoɔ a yɛmmfa yɛn ani nhu. ”Nsuro,” Elisha ka kyerɛɛ abranteɛ bi a na ehu abɔ no berɛ a wɔhyiaa bɔne asradɔm, “na wɔn a wɔka yɛn ho dɔɔso sen wɔn a wɔka wɔn ho no” (Hwɛ 2 Ahemfo 6:15–16).

Ɛnsɛ sɛ yɛsuro. Onyankopɔn dɔ N’Ahoteefoɔ. Ɔrennyae yɛn da.

Menim sɛ, berɛ a Onyankopɔn, retie me mpaebɔ no, watie m’abisadeɛ ayi me afiri bɔne mu. Medi adanseɛ sɛ ɛnam Agya Nyankopɔn, wiase Agyenkwa, ne Honhom Kronkron mmoa nti, yɛwɔ awerɛhyɛm sɛ yɛbɛnya tumi a ɛboro so de adi ɔbonsam apamfoɔ so

Moma yɛn mfa terenee nnura yɛn ho sɛdeɛ yɛbɛnya akokoduru de adi nkunim

Atwerɛ

  1. Thomas S. Monson, “Nkitahodie de Nhyira Ba,” Mmaa Kuo Nwoma, Oforisuo. 1967, 247

  2. “We Are All Enlisted,” Hymns, no. 250.

  3. Hwɛ Atitenafoɔ a ɛwɔ asɔre no mu Nkyerɛkyerɛ : Joseph Smith (2007), 214.