2017
Yesu Kristo Ɔyɛadeɛ Tumi ne Ne Mpata Wuo no
March 2017


Nkyerɛkyerɛ Nsrahwɛ Nkransɛm, ɔbɛnen 2017

Yesu Kristo Ɔyɛadeɛ Tumi ne Ne Mpata Wuo no

Fa mpaebɔ sua saa nsɛm yi hwehwɛ sɛ wobɛhu deɛ wobɛkyɛ. Sɛn na yɛn nteaseɛ wɔ Mmaa Kuo botaeɛ ho no siesie Onyankopɔn mma mmaa ma wonya daa nkwa?

Relief Society seal

Gyedie, Abusua, Ɔgyeɛ

“Mɛtumi adeɛ nyinaa yɛ ɛnam Kristo a ɔhyɛ me den” (Filipifoɔ 4:13). “ɛwom sɛ yɛwɔ ahoɔmmerɛ, nanso yɛbɛtumi adi so,” Otitenani Dieter F. Uɔhtdorf, Fotufoɔ a ɔtɔ so Mmienu wɔ Atitenafoɔ a Wodi Kan mu no kaeɛ. “Ampa, ɛnam Onyankopɔn adom nti, sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase na yɛnya gyidie a, yɛn sintɔ bɛdane yɛn ahoɔden.”1

Yɛn Agyenkwa no ka wɔ Nkyerɛkyerɛ ne Apam nwoma no mu sɛ, “Mɛdi w’anim. Mɛwɔ mo nsa nifa ne mo benkum so, na me Honhom bɛwɔ mo akoma mu, na m’abɔfoɔ bɛtwa mo ho ahyia, asɔ mo mu.” (NA 84:88).

Nifae yɛ nhwɛsoɔ pa fa deɛ onim, na ɔte aseɛ, na ɔde ne ho to Agyenkwa no tumi so,” Ɛlda David A. Bednar a ɔka Asomafoɔ Dumienu Kuo no ho kaeɛ. Nifae nuammarimanom de nhoma kyekyeree no na wɔhyehyɛɛ ne sɛeɛ. Mesrɛ wo hyɛ Nifae mpaebɔ no nso: ‘O Awurade, sɛ wobɛgye me afiri me nuanom nsɛm sɛdeɛ me gyidie te wɔ wo mu no a, anka wagye me afiri me nuanom nsɛm; aane, anka wama me ahoɔden wama me ahoɔden ama matumi atete ntampe homa a wɔde akyekyere me yi mu’ (1 Nifae 7:17; sisodua ka ho).

“… Nifae ammɔ mpaeɛ sɛ ne tebea bɛsesa. Ɔbɔɔ mpaeɛ mmom sɛ ɔbɛnya ahoɔden de asesa ne tebea. Na megyedi sɛ ɔbɔɔ mpaeɛ wɔ saa kwan yi so ɛsiane sɛ na onim, te aseɛ, na wahunu Mpata Wuo no tumi.

“Me nnye nni sɛ nhoma a na wɔde akyekyere Nifae no yera firii ne nsa ne ne nan. Na mmom, me susu sɛ wɔhyiraa no ntɔkɔsoɔ ne ahoɔden a ɛboro nankasa tumi so, ma ɔtumi gyinaa ‘Awurade tumi mu’ (Mosaya 9:17) bɔɔ mmɔden na okyiniikyim na ɔtwetwee nhoma no, na akyire no otumi tetee nhoma no.”2

Twerɛnsɛm ne Nkratoɔ Nkekaho

Isaiah 41:10; Ether 12:27; reliefsociety.lds.org

Atwerɛ

  1. DieterF. Uchtdorf, “Kyidifoɔ Kwan no,” Liahona, Kɔtɔnimma 2015, 108.

  2. David A. Bednar, “Ahoɔden a Ɛboro Yɛn Deɛ,” New Era, Mar. 2015, 4.