Mmabunu
Na Masi M’adwene Pi Dada
Ɔtwerɛfoɔ no te Utah, USA
Berɛ bi me nyaa suahunu a ɛdi mu wɔ Mmabunu Mmaa adesua dan mu fa nna mu ahoteɛ ho—ti asɛm a ɛma mmabunu pii woso wɔ wɔn nkonwa mu. Menkae deɛ mesuaa saa da no no nyinaa, nanso mekae sɛ na me panin no kasa fa ne susudua baako ho—sɛ daa ɔbɛte ne ho wɔ mmaa ne mmarima nna mu. Mefaa ne nsɛm no, na mesii gyinaeɛ ketee sɛ mɛfa no sɛ mankasa nyinasosɛm.
Dabi a na mete lɔɔre mu fi agodiebea rekɔ fie no, obi hyɛɛ nokorɛ anaa npoatwa agorɔ bi ase. Ɛsiane sɛ wayɛ bisibasa nti, me ne mmofra no mu bi sɔɔ so. Ɛduruu me so no, na ɛyɛ me sɛ me nyɛ adeɛ a me nim sɛ ɛnyɛ. Ka wei bɛtumi ayɛ adeɛ a ne yɛ bɛyɛ me den, nanso me Mmabunu Mmaa panin nsɛm no baa me tiri mu, nti na deɛ mɛyɛ no yɛ me mmrɛ. Ntɛm pa ara manyɛ. Na m’ayɛ m’adwene dada deɛ mɛyɛ wɔ saa tebea no mu.
Me nim sɛ yɛkɔ asɔre na yɛma nnoɔma a yɛsua wɔ hɔ no da adi a, obɛhyira yɛn honhom mu ahoɔden ne banbɔ firi wiase nsɔhwɛ ho.