Atitenafoɔ a Wɔdi Kan no NKRANSƐM, Ogyefuo 2017
“Sɛ deɛ Medɔɔ Mo no”
Mfeɛ bi a atwam me yɔnko bi kaa ne maame a na ɔwɔ ahobraseɛ, kasa bɔkɔɔ ho asɛm kyerɛɛ me. Berɛ a ɔfirii mu no, wɔannya ne mma mmarima ne mmaa sika-puduo na mmom agyapadeɛ a ɛsom bo wɔ nhwɛsoɔ mu, ɔsom mu, wɔ setie mu.
Wɔkaa ne ho nsɛmpa wɔ ayie no ase na awerɛhoɔ mu wɔkɔsiee no wieeɛ no, abusua mpanimfoɔ hwehwɛɛ ne nneɛma kakra a na wagya mu. Louis hunuu nwoma ketewa bi ne safoa bi a na ɛka nneɛma no ho. Nwoma ketewa no hyɛɛ sɛ: “Wɔ ɛdan a ɛwɔ ntweaso no mu, wɔ adaka a ɛwɔ fam wɔ baabi a mesiesie me ho no, adaka ketekete bi hyɛ mu. M’akoma so adamudeɛ wɔ mu. Saa safoa yi bɛbue adaka no.”
Wɔn nyinaa dwenee dekodeɛ a na ɛsom bo ma wɔn maame a enti ɔde siee fee saa.
Wɔyii adaka no firii baabi a na ɛrehome no na wɔtoo wɔn bo ase de safoa no buee so. Berɛ a Louis ne wɔn a wɔka ho hwɛɛ adaka no mu nneɛma no, wɔhunuu abɔfra biara mfoni, a abɔfra no din ne da a wɔwoo no ka ho. Afei Louis twee adɔfoɔkrataa bi a wɔyɛɛ no efie hɔ ara. Na akyeakyea, sɛdeɛ abɔfra resua atwerɛ, a ɔhunuu sɛ ɛyɛ ɔno ara dea, ɔkenkanee nsɛm a na watwerɛ mfeɛ aduosia a atwam: “ɛna Pa, medɔ wo.”
Akoma botooe, nne yɛɛ mmrɛ, na aniwa taetaee nisuo. Na ɛna adamudeɛ yɛ n’abusua a ɛbɛwɔ hɔ daa. Na n’ahoɔden gyina fapem a ɛyɛ “Medɔ wo” so.
Wɔ ɛnnɛ mmerɛ yi mu, baabiara nni hɔ a ɔdɔ fapem ho hia kyɛn efie. Na baabiara nni hɔ a ɛwɔ sɛ wiase hunu saa fapem no ho nhwɛsoɔ kyɛn Nna a ɛdi Akyire Ahotefoɔ a wɔayɛ ɔdɔ wɔn abusua akoma afie mu.
Yɛn a yɛse yɛyɛ Agyenkwa Yesu Kristo asuafoɔ no, ɔmaa saa ahyɛdeɛ a ɛho hia yi:
“Ahyɛdeɛ foforɔ na medema mo, Sɛ monnodɔ mo ho; sɛdeɛ medɔɔ mo no.
“ɛnam yei so nnipa nyinaa bɛhunu sɛ moyɛ m’asuafoɔ, sɛ mododɔmo ho a.”1
Sɛ yɛbɛdi mmaransɛm no so adɔ yɛn ho yɛn ho a, ɛsɛ sɛ yɛde ayamyɛ ne obuo ma obiara, rekyerɛ yɛn dɔ wɔ daa daa nketahodie mu. Ɔdɔ ka nsɛm pa, ma aboterɛ mmuaeɛ, yɛ atuhoakyɛ adwuma, wɔ nteaseɛ aso, wɔ fakyɛ akoma. Wɔ yɛn nkitahodie nyinaa mu no, weinom ne suban pa afoforɔ a ɛte sei bɛboa ada ɔdɔ a ɛwɔ yɛn akoma mu no adi.
Titenani Gordon B. Hinckley (1910-2008) kaa sɛ: “ɔdɔ … yɛ sikakɔkɔɔ kukuo wɔ nyankontɔn no akyi. Mmom ɛkyɛn nyankontɔn no akyi. ɔdɔ wɔ mfitiaseɛ nso, na ɛmu na ahoɔfɛ fifiri twam wɔ wiem da a ahum retu. ɔdɔ yɛ banbɔ a mmɔfra su ho, mmabunu akɔnɔdeɛ, aman a ɛkyi awareɛ, ne ngo a ɛsi ntawantawa a ɛsɛe efie kwan; ɛyɛ mpanin mfeɛ mu anigyeɛ, awerɛkyekyere awia a ɛrebɔ fa owuo mu. Hwɛ sɛdeɛ wɔn a wɔde yɛ adwuma wɔ wɔn afie, ayɔnkofoɔ, asɔre, ne afipamfoɔ mu wɔ anigyeɛ.”2
Ɔdɔ ne nsɛmpa no nnyinasoɔ, onipa kraa su a ɛho te pa ara. Ɔdɔ yɛ aduro ma abusua a wɔyare, afipamfo a wɔyare, ne aman a ɛyare. Ɔdɔ yɛ animteɛ, nsa a wɔnyam, nsɛmdɛ bi ka, ne abasobɔ. Ɔdɔ yɛ atuwohoakyɛ, ɔsom, ne ahofama.
Okununom, monnɔ mo yerenom. Momfa nnidie ne obuo mma wɔn. Anuanom mmaa, monnɔ mo kununom. Monni wɔn ni na monhyɛ wɔn nkuran.
Awofoɔ, monnɔ mo mma. Mommɔ mpaeɛ mma wɔn, monkyerɛkyerɛ wɔn, na monni adanseɛ nkyerɛ wɔn. Mma, monnɔ mo awofoɔ. Monkyerɛ wɔn obuo, anisɔ, ne setie.
Sɛ Kristo dɔ korɔgyee nni mu a, Mormon tu fo sɛ, [yɛn] “nsɛ hwee.”3 Me mpaebɔ ne sɛ yɛbɛdi Mormon afotuo so “yɛde yɛn akoma ahoɔden nyinaa bɛbɔ mpaeɛ akyerɛ Agya no, na saa ɔdɔ yi ahyɛ [yɛn] ma, sɛdeɛ ɔde ama wɔn a wɔyɛ ne Ba, Yesu Kristo akyidifoɔ anokwafoɔ; na [yɛn] nso abɛyɛ Nyankopɔn mma; na sɛ ɔba a yɛayɛ sɛ ɔno.”4
© 2017 by Intellectual Reserve, Inc. All rights reserved. Wɔtintimm wɔ USA Borɔfo Kasa ho Kwan-ma: 6/16. Nkyerɛaseɛ ho kwan-ma: 6/16. Kasafoforɔ atwerɛ a ɛfa First Presidency Message, February 2017. Twi. 97922 503
Nkransɛm yi mu Nkyerɛkyerɛ
Titenani Monson kyerɛkyerɛ yɛn hia a ɛhia sɛ yɛbɛda nokorɛ Kristosu dɔ adi, nkanka ne efie. Ma wɔn a wosra wɔn nhyia sɛ abusua na wɔnnwennwene akwan a wɔbɛtumi afa so akyerɛ ɔdɔ kɛse ama wɔn ho. Wobɛtumi ahyɛ wɔn nkuran sɛ wɔnyi saa akwan no mu baako na wɔnyɛ nhyehyɛeɛ a wɔde bɛduru ho sɛ abusua. Sɛ ebia, abusuafoɔ bɛhwehwɛ sɛ wɔbɛkɔ abusuani baako mmoa wɔ kokoam nnawɔtwe biara. Akyire yi wobɛtumi ama wɔn adwene ho ahwɛ sɛdeɛ wɔrebɔ mmɔden aduru wɔn botaeɛ ho ama ɔdɔ a ɛwɔ wɔn fie yɛa kɛse.