Mmabunu
Asomdwoeɛ ho Mpaebɔ
ɔtwerɛfoɔ no te Arizona, USA
Na m’awofoɔ taa kɔ nhyiamu berɛ a yɛapɔn asɔre, na na mehwɛ me nuanom mmarimaa nkumaa baasa na meboa wɔn yɛ awia aduane—mmom ɛyɛ a na wɔn bo afu na ɛkɔm de wɔn. Ebi wɔ hɔ a sɛ wɔhyɛ aseɛ sɛ wɔreko a, na metumi siesie ɔhaw nketenkete no ntɛmntɛm. Nanso ɛtɔ da bi a na ɛyɛ den sɛ asomdwoeɛ bɛba berɛ a ntɔkwa no ahyɛ aseɛ ɛfiri sɛ na ɛha me.
Awia bi, na ɛyɛ den pa ara ma me nuanom mmarimaa no sɛ wɔbɛbom. Mehunuu sɛ na mmɔden a merebɔ sɛ asomdwoeɛ bɛba no rema nneɛma sɛe mpo ɛfiri sɛ na mabrɛ. Enti meyɛɛ me ara m’awia aduane na megyaee kasa. Ne korakora no, mekaa sɛ, “Merebɛbɔ mpaeɛ. Mesrɛ mo yɛbɛtumi ayɛ dinn sima baako anaa?” Berɛ a wɔyɛɛ komm no, mehyiraa aduane no so. Ansa na merewie mpaeɛ no, mede kaa ho sɛ, “Na ma yɛnyɛ asomdwoeɛmafoɔ.”
Mfitiaseɛ no, wɔyɛɛ sɛ deɛ wɔante na wɔhyɛɛ ntɔkwa no ase bio. Na mebo afu nanso na menim sɛ ɛwɔ sɛ mekyerɛ ɔdɔ na meyɛ komm sɛdeɛ na mɛtumi ɛfiri sɛ na mabɔ asomdwoeɛ ho mpaeɛ a na ɛnkyɛree. Sima baako akyi, meyɛɛ komm. Medidii a manka biribiara, na akyire yi mmarimaa no gyaee ntɔkwa no. Mehunuu sɛ asomdwoeɛ a menyaeɛ no yɛ mpaebɔ tiawa no ho mmuaeɛ. Na mabɔ mpaeɛ sɛ mɛyɛ asomdwoeɛmafoɔ, na me Soro Agya aboa me ma mayɛ komm berɛ a na mepɛɛ sɛ meteam. Menim sɛ abatumi ama yɛn asomdwoeɛ ampa.