Nsrahwɛ Nkyerɛkyerɛ Nsɛm, Ogyefuo 2017
Kristo Mpata yɛ Nyankopɔn Dɔ ho Adanseɛ
Fa mpaebɔ sua saa nwoma yi na hwehwɛ honhom mu akwankyerɛ ama woahunu deɛ wobɛkyɛ.
Gyedie, Abusua, Ɔgyeɛ
Sɛ yɛte aseɛ sɛ yɛn Soro Agya de Ne Dɔ Ba Baako Pɛ maa sɛdeɛ yɛbɛnya daa nkwa ne nkwa a ɛnni awieɛ a ɛboa ma yɛhunu Nyankopɔn dɔ a ɛnni awieɛ ne nteaseɛ ma yɛn no. Yɛn Agyenkwa nso dɔ yɛn.
“Hwan na ɔbɛtete yɛne Kristo dɔ mu? …
“Na megye medi ampa, sɛ owuo, anaa nkwa, anaa abɔfoɔ, anaa atumfoɔ, anaa nneɛma a ɛwɔ hɔ, anaa nneɛma a ɛrebɛba,
“Anaa ɔsoro, anaa ɛbunu, anaa abɔdeɛ foforɔ, biara rentumi ntete yɛne Nyankopɔn dɔ, a ɛwɔ yɛn Awurade Yesu Kristo mu no mu” (Romafoɔ 8:35, 38–39)
Wɔ Yesu Kristo Mpata noho no, ɛlda D. Todd Christofferson a ɔka Dummienu Kuo No ho kaa sɛ: “Agyenkwa no amanehunu wɔ Gɛtsɛmani ne Ne yaw wɔ asɛnnua no so gye yɛn firi bɔne mu ɛfiri sɛ ɔduruu deɛ na pɛpɛɛpɛyɛ rehwehwɛ afiri yɛn nkyɛn ho. Ɔma ahummɔborɔ na ɔde wɔn a wɔasakyera mfomsoɔ kyɛ wɔn. Yesu Kristo Mpata nso tua ɛka a yɛde atɛntenenee berɛ a ɛsa yɛn nyarewa na ɛpata yɛn wɔ ɔyaw biara a yɛnnim na yɛkɔ mu. ‘Na hwɛ, ɔhunu nnipa nyina ara amanehunu aane, ɔteasefoɔ biara aane, marima, mmaa, ne mmɔfra nyina ara a wɔka Adam abusua ho no.’ (2 Nephi 9:21; see also Alma 7:11–12).”1
Kristo akurukyire [yɛn] wɔ [Ne] nsa yam” (Isaiah 49:16). Linda K. Burton, Relief Society Amansan Titenani, ka sɛ, “ɛwɔ sɛ saa ɔdɔ sononko no de yɛn kɔ yɛn kotodwe anim ahobraseɛ mu bɔ mpaeɛ da yɛn Soro Agya ase sɛ ɔdɔ yɛn ara sɛ ɔsomaa Ne Ba Baako Pɛ a ɔtene no sɛ ɔmmɛbrɛ wɔ yɛn bɔne nti, yɛn akomasɛeɛ, ne deɛ ɛntene wɔ yɛn ara ankorɛankorɛ abrabɔ mu.”2
Twerɛnsɛm ne Nkratoɔ Nkekaho
Yohane 3:16; 2 Nifae 2:6–7, 9; reliefsociety.lds.org
© 2017 by Intellectual Reserve, Inc. All rights reserved. Wɔtintim no wɔ USA Borɔfo Kasa ho Kwan-ma: 6/16. Nkyerɛaseɛ ho kwan-ma: 6/16. Nkyerɛaseɛ Visiting Teaching Message, February 2017. Twi. 97922 503
Dwene Wei ho
Yɛbɛyɛ dɛn akyerɛ yɛn anisɔ ne ɔdɔ akyerɛ Nyankopɔn ne Yesu Kristo wɔ Agyenkwa no Mpata akyɛdeɛ a ɔde ama yɛn ho?