2017
Ma mfinmfin hc nyj wo botaej
January 2017


Atitenafo a WɔdiKan no Nkransɛm, Ɔpɛpɔn 2017

hwɛ mfinmfini

Ɛnkyɛɛ bia na mehwɛɛ nnipa kuo bi a na wɔresua agyan toɔ. Mehunuu sɛ, sɛ wopɛsɛ wo kwadare wɔ agyan toɔ mu a, gyesɛ wo nya berɛ sua.

Mennye nni sɛ obi bɛtumi akwadare wɔ agyan toɔ mu sɛ ɔto agyan no wɔ ɛban mu ansa na wayɛ mfoni wɔ ho. Ɛwɔ sɛ wo nya honi bi de sua to na wo bɔ mmɔden sɛ wobɛto awɔ naniwa mu.

Yɛ susudua

Ɛntɔ aso mu sɛ wobɛto agyan awie ansa na wayɛ mfoni afa ho, nanso ɛtɔ da wɔ abrabɔ mu a, yɛn nyinaa yɛ saa.

Sɛ yɛyɛ asɔre mma yi, yɛwɔ ɛsu bi a ɛma yɛde yɛn ho bata asɛmpa no nhyehyɛɛ nsɛm, ne nkyerɛnkyerɛ a yɛsusu sɛ ɛyɛ yɛn dɛ na yɛpɛ paa ho. Ɛyɛ nsɔhwɛ ma yɛn sɛ, yɛbɛpɛ sɛ yɛbɛyɛ mfoni afa ho te sɛ deɛ yɛn ani kyerɛ asɛmpa no mfinmfini.

Wei yɛ ɛnyɛ den.

Ɛfiri mmerɛ santen na Onyankopɔn nkɔmhyɛfoɔ ma yɛn afutuo papa. Yɛsan nso nya akwankyerɛ ne nkyerɛmu pii firi asɔre no nkrataa ne nhoma ahodoɔ mu. Yɛbɛtumi ayi asɛmpa no mu asɛmtitiriw baako a yɛpɛ na yɛayɛ nantwie aniwa afa ho ama no ayɛ te sɛ deɛ yɛahunu asɛmpa no mfinmfini.

Agyenkwa no akyerɛ mu

Ɛnnyɛ yɛn berɛ so nkoa na saa ɔhaw yi wɔ. Tete hɔ no, nyamesom mu mpanyinfoɔ gyee berɛ hwehwɛɛ mu, kyerɛɛ adwene, hyehyɛɛ mmransɛm no mu deɛ ɛsom bo paa.

Da kro bi, nyamesom mu abenfoɔ bi pɛɛ sɛ wɔbɛtwetwe agyenkwa no akɔ saa mente me ho ase yi mu. Wɔn bisaa no sɛ Ɔnkyerɛ asɛm bi a nnipa pii nteaseɛ mu.

“owura,” wɔn bisaa No, “mmransɛm no mu deɛ wɔ he na ɛyɛ kɛseɛ paa ara?”

Dɔ Awurade wo Nyankopɔm w’akoma nyinaa mu ne wo kra nyinaa mu, ne w’adwene nyinaa mu.

“Yei ne mmara no mu kɛseɛ ne deɛ ɛdi kan.

“Na deɛ ɛtɔ so mmienu no te sɛ ɛno, Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.”

“wɔ saa mmransɛm mmienu yi so na mmra ne nkɔmhyɛfoɔ no nyinaa sɛn.”1

Hyɛ kasamu a ɛtwa toɔ no nso: “wɔ saa mmransɛm mmienu yi so na mmra ne nkɔmhyɛfoɔ no nyinaa sɛn.”

Agyenkwa no kyerɛɛ botaeɛ no na ɔsan nso kyerɛɛ asɛm no aniwa.

Tosi botaeɛ no so

Sɛ yɛyɛ asɔre mma yi, yɛahyɛ apam sɛ yɛbɛfa Yesu Kristo din ato yɛn ho so. wɔ saa apam no mu no yɛnyaa nteaseɛ bi sɛ yɛbɛbɔ mmɔden asua Onyankopɔn ho asɛm, adɔ No, anyini wɔ gyidie mu, adi No ni, anante wɔ N’akwan mu, na yɛagyina sɛ N’adansefoɔ.

Mpɛn dodoɔ a yɛresua Onyankopɔn ho asɛm na yɛrete nka sɛ ɔdɔ yɛn no, ɛbɛma yahunu sɛ Yesu Kristo daapem mpata no yɛ Onyankopɔn akyɛdeɛ kronkron. Na Onyankopɔn dɔ no hyɛ yɛn nkuran sɛ yɛmfa adwensakra kwan so sɛdeɛ yɛbɛnya bɔnefakyɛ mu nsɛnkyerɛne. Saa kwan yi ma yɛn nya ɔdɔ kɛseɛ ne tema ma wɔn a wɔwɔ yɛn nkyɛn. Yɛbɛsua sɛdeɛ yɛbɛhuunu adeɛ atra abɔdin. Yɛbɛsi nsɔhwɛ ho kwan sɛ yɛde afoforɔ bɔne,baabi a wɔfiri, ɛkuo a wɔdɔm, ana wɔn sintɔ bɛbu wɔn fɔ.

Yɛbɛhunu obiara a yɛbɛhyia sɛ ɔyɛ Onyankopɔn ba—yɛnua barima anaa ɔbaa.

Yɛde ɔdɔ ne nteaseɛ bɛgye obiara—mpo wɔn a ɛnna fam sɛ yɛbɛdɔ wɔn. Yɛne wɔn a wɔsu no bɛsu na yɛakyere wɔn a wɔn werɛ aho no werɛ.2

Na yɛbɛhunu sɛ ɛho nhia sɛ yɛbɛsi apene wɔ asɛmpa no botaeɛ papa no ho

Mmransɛm akɛseɛ mmienu no ne botaeɛ no. wɔ saa mmransɛm mmienu yi so na mmra ne nkɔmhyɛfoɔ no nyinaa sɛn.3 Sɛ yɛgye wei to mu a, nnepa a aka no nyinaa bɛtɔ ne kwan mu.

Sɛ yɛn botaeɛ, yadwene, ne yɛn mmɔdemmɔ gyina sɛ yɛbɛdɔ Otumfoɔ Nyankopɔn na yɛn abie yɛn akoma mu ama afoforɔ a, yɛbɛtumi ahunu sɛ yɛn ani kyerɛ botaeɛ papa no so—sɛ yɛbɛyɛ Yesu Kristo akyidifoɔ mapa.

Atwerɛ

  1. Mateo 22:36–40.

  2. Hwɛ Mosaya 18:9.

  3. Hwɛ Mateo 22:40.