2017
Mmaa mpanin kuo botaeɛ
January 2017


Nsrahwɛ Nkyerɛkyerɛ Nkrasɛm, Ɔpɛpɔn 2017

Mmaa mpanin kuo botaeɛ

Fa mpaebɔ sua saa nwoma yi na hwehwɛ honhom mu akwankyerɛ ama woahunu deɛ wobɛkyɛ.

Relief Society seal

Gyedie, Abusua, Ɔgyeɛ

Mmaa mpanin Kuo botaeɛ ne sɛ “wɔbɛboa mmaa ama wɔn anya daa nkwa mu nhyira,” Linda K. Burton, Mmaaa Mpanin Kuo Titenani na ɔkaaɛ.1 Ɛnam gyidie, abusua, ne mmoa so na yɛyɛ yɛn deɛ a “ɛhia paa wɔ adwuma no mu.”2

Mmaa mpanin kuo “yɛ anisoɔ ne honhom mu adwuma,” Ɔarole M. Stephens Titenani a ɔdikan wɔ Amansan Mmaa kuo Atitenafoɔ na ɔkaaɛ. “saa na mmaa na wɔn wɔ agyenkwa no berɛ mu no yɛɛ, na ɛnoara na yɛguso reyɛ.”3

sɛ yɛhwɛ Samaria ɔbaa a na ɔte abura no ho a ɔdwane kɔbɔɔ amaneɛ sɛ Yesu yɛ nkɔmhyɛni (hwɛ John 4:6-42), anaa Phebe, a ɔsom afoforɔ ne nkwanna nyinaa (hwɛ Romans 16:1-2), yɛhunu mmaa nhwɛsofoɔ wɔ agyenkwa no berɛ mu a wɔtuu anammɔn kɔɔ Kristo nkyɛn ɛyɛ Ɔno na ɔbie yɛn nkwagyeɛ kwan (hwɛ John 3:16).

Sɛ yɛhwɛ mmaa adikanfoɔ no wɔ Nauvoo, Illinois, a wɔhyiaa wɔ Sarah Kimball fie wɔ 1842 na wɔtee wɔn kuo. Yɛhunu Onyankopɔn nhyehyɛɛ sɛ ɔde Mmaa kuo no bɛbata asɔfodie no ho. Eliza R. Snow twerɛɛ kuo no mmra wie no, Nkɔmhyɛni Joseph Smith hwɛɛ mu. Ɔhunuu sɛ Asɔre no kyekyere no nni mu gyesɛ ɛmu mmaa kuo nso aboa no pɛpɛɛpɛ Ɔkaa sɛ Awurade agye wɔn ato mu nanso aka biribi papa bi. Ɔkaa sɛ “mɛkyekyere mmaa kuo no wɔ asɔfodie no mu wɔ asɔfodie no kwan so.”4

“Mmaa mpanin kuo no ɛnyɛ kuo biara kɛkɛ a ɔwɔ wiase yi mu. Na ɛyɛ sononko. Na ‘ɛyɛ ade papa’ efiri sɛ wɔkyekyeree no wɔ asɔfodie tumi no mu. Na ɛyɛ anamɔntuo a ɛho hia a na ɛrekyerɛ Onyankopɔn adwuma wɔ asaase so.”5

Twerɛnsɛm ne Nkratoɔ Nkekaho

Nkyerɛkyerɛ ne Apam 25:2-3; 88:73; reliefsoɔiety.lds.org

Atwerɛ

  1. Linda K. Burton, in Sarah Ɛane Weaver, “Relief Soɔiety Ɔelebrates Birthday and More Marɔh 17,” Church News, Mar. 13, 2015, news.lds.org

  2. Linda K. Burton, wɔ Weaver, “Relief Soɔiety Ɔelebrates Birthday.”

  3. Carole M. Stephens, wɔ Weaver, “Relief Soɔiety Ɔelebrates Birthday.”

  4. Joseph Fielding Smith, wɔ m’Aheman mu Mma Mmaa: Relief Society Abakɔsɛm ne emu Adwuma (2011), 11–12.

  5. Mmabaa wɔ M’Ahennie mu, 16.