Mmabunu
Sereɛ bɛtumi ama nsakrayɛ
Titenani Uchtdorf kyerɛ botaeɛ mmienu a ɛwɔ sɛ yɛnya wɔ yɛn nneyɔɛ mu: Onyankopɔn ho dɔ ne onua dɔ. Nanso ɛtɔda a ɛnyɛ mrɛ sɛ wobɛdɔ afoforɔ. Wɔ abrabɔ mu no, ɛtɔ da na ɛyɛ den sɛ yɛne afoforɔ bɛnya nkitahodie—ɛbia na obi ayɛ yɛn ayaayadeɛ bi anaa ɛyɛ den ma yɛn sɛ yɛne afoforɔ bɛdi nkɔmɔ anaa afa yɔnkoɔ. Wɔ saa mmerɛ yi mo no, bɔ mmɔden kai ɔdɔ a wanya afiri ayɔnkofoɔ, abusua, SoroAgya, ne Yeesu Kristo nkyɛn. Kai anigyeɛ a wo nyaaɛ wɔ saa mmerɛ no na bɔmɔden susu ho wɔ wadwene mu sɛ obiara nya saa akwannya no sɛ ɔbɛ te ɔdɔ a ɛte saa nka. Kai sɛ obiara yɛ Onyankopɔn ba baa anaa ba barima na ɔfata wo ne Ɔno dɔ.
Dwene obi pɔtee a ɛyɛ wo den sɛ wo ne no bɛyɛ yɔnkoɔ wɔ wa abrabɔ mu. Bɔ wɔn ho mpaeɛ na bisa Soro Agya sɛ Ɔmmie wakoma mu ma wɔn. Wo bɛfi aseɛ ahunu wɔn sɛdeɛ Ɔhunu wɔn no: sɛ Ne ba baako a ɔfata ɔdɔ.
Mpaeɛbɔ no akyi no, yɛ biribi a ɛyɛ fɛ ma wɔn! Wobɛtumi ato nsa afrɛ wɔn wɔ asɔre anaa ayɔnkofoɔ nhyiamu bi aseɛ. Wo bɛtumi aboa wɔn wɔ efie adeyɔ mu. Mpo, wobɛtumi ase wɔn “huu” na wasere akyerɛ wɔn. Nneɛma nketewa bɛtumi de nsakraeɛ kɛsseɛ aba yɛn abrabɔ mu!